Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Woreyɛ W’ayeforohyia Ho Ntotoe a, Nsuasua Wiase No

Woreyɛ W’ayeforohyia Ho Ntotoe a, Nsuasua Wiase No

Sɛ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware reyɛ wɔn ayeforohyia ho ntotoe a, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosi ho gyinae. Ɛtɔ da a, sɛnea afoforo yɛ wɔn ayeforohyia no betumi ama wɔate nka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn nso yɛ wɔn de no kyenkyenenn anaa kuntann. Ɛtɔ da nso a, wɔn abusuafo ne wɔn nnamfonom bɛpɛ sɛ wɔde wɔn ho gyigye ayeforohyia no ho ntotoe no mu. Sɛ wɔn a wɔrebɛware no ani begye na wɔakɔ so anya ahonim pa a, Bible mu nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa wɔn bere a wɔreyɛ ayeforohyia no ho ntotoe no?

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN AYEFOROHYIA A ƐHYƐ YEHOWA ANUONYAM NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Ɔkwan bɛn so na Bible mu nnyinasosɛm a edidi so yi boaa Nick ne Juliana?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrebɛware no paw onua bi a ne ho akokwaw ma ‘ɔhwɛ aduan ne nsa so’?—Yoh 2:9, 10.

  • Bere a Nick ne Juliana resisi gyinae a ɛfa wɔn ayeforohyia ho no, nneɛma bɛn na wosusuw ho?

  • Hena paa na ɛyɛ n’asɛde sɛ osi ayeforohyia no ne ɛho apontow ho gyinae?—w06 10/15 25 ¶10.