Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnhu Sɛnea Wɔbɛma Onyankopɔn Koma Atɔ Ne Yam

Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnhu Sɛnea Wɔbɛma Onyankopɔn Koma Atɔ Ne Yam

Yehowa nni mmofra ho agorɔ koraa; wɔda ne koma so. Nkɔso a wɔnya ne sɛnea wɔmia wɔn ani som no no, n’ani tua ne nyinaa. (1Sa 2:26; Lu 2:52) Mmofra nketenkete mpo, wɔn suban pa betumi ama Yehowa ani agye. (Mme 27:11) Yehowa nam n’asafo no so ama awofo nneɛma pa bebree a wɔbetumi de aboa wɔn mma ama wɔadɔ Yehowa na wɔatie n’asɛm.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMOFRA—MO BOASETƆ MA YEHOWA KOMA TƆ NE YAM! WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Wohwɛ mfe kakra a abɛsen kɔ yi a, nneɛma bɛn na Yehowa de ama mmofra ne mmabun a aboa wɔn na akyerɛ wɔn kwan?

  • Yɛrekasa yi, nneɛma bɛn na ɛwɔ hɔ a ebetumi aboa awofo ama wɔatete wɔn mma?

  • Sɛ woyɛ abofra anaa ɔbabun a, nneɛma a Yehowa ayɛ sɛ ɛmmoa wo no, emu nea ɛwɔ he na woanya so mfaso, na sɛn na ɛboaa wo?