Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Mereboa Ama Yehowa Adansefo Akɔ So Anya Din Pa?

Mereboa Ama Yehowa Adansefo Akɔ So Anya Din Pa?

Yehowa Adansefo de, nkurɔfo hwɛ yɛn papaapa. (1Ko 4:9) Enti ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Me kasa ne m’abrabɔ hyɛ Yehowa anuonyam anaa?’ (1 Pe 2:12) Nkurɔfo abɔ Yehowa Adansefo din pa mfe pii, enti yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ɛbɛsɛe saa din pa no.—Ɔsɛ 10:1.

Sɛ Kristoni hyia tebea a edidi so yi a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ, na Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa no? Kyerɛw wo mmuae hyɛ ebiara ase:

  • Bere a obi a ɔnyɛ Ɔdansefo de abufuw akeka nsɛm yayaayaw akyerɛ wo

  • Bere a wo ntaade, wo kar, anaa wo fie ayɛ fĩ

  • Bere a aban mpanyimfo ahyɛ mmara bi a asɛ ɛkɔ tia yɛn anaa yehu mmara no sɛ ɛyɛ den sɛ yebedi so

Video a ɛwɔ ase ha yi ma yehu sɛ Akyerɛw Dwumadibea no, anuanom a ɛwɔ hɔ a wɔyɛ nsɛm ho nhwehwɛmu no boa ma yɛkɔ so nya din pa.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN YƐPƐ SƐ YƐMA NKURƆFO NYA NSƐM A ƐYƐ NOKWARE. WUWIE A, BUA ASƐMMISA A EDI SO YI:

Sɛ wohwɛ sɛnea asafo no bɔ mmɔden yɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma yɛanya nsɛm a ɛyɛ nokware a, dɛn na ɛyɛ wo fɛ wɔ ho?