Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

December 16-22

DWOM 119:​57-120

December 16-22

Dwom 129 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Sɛnea Yebetumi Afa Ahohia Mu

(Simma 10)

Kɔ so kenkan Onyankopɔn Asɛm na sua (Dw 119:61; w06 6/15 20 ¶2; w00 12/1 14 ¶3)

Sɔhwɛ a worefa mu no, ma kwan ma ensiesie wo (Dw 119:71; w06 9/1 14 ¶3)

Ma Yehowa nkyekye wo werɛ (Dw 119:76; w17.07 13 ¶3, 5)

BISA WO HO SƐ, ‘Bere a mekɔɔ ahohia mu no, nneɛma pɔtee bɛn na Yehowa yɛ de boaa me?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 119:96—Saa kyerɛwsɛm yi, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ sɛn? (w06 9/1 14 ¶4)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Kyerɛ ofiewura no yɛn wɛbsaet no, na ma no jw.org kaad no bi. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. To nsa frɛ nipa no sɛ ommetie baguam kasa a edi hɔ a yɛbɛma no bi. Yi video a yɛato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? na wo ne no mmɔ ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 3)

6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 5) Ɔyɛkyerɛ. ijwbq 157—Asɛmti: Dɛn Na Bible Ka Fa Atoyerɛnkyɛm Ho? (lmd adesua 3 nkyekyɛm 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 128

7. Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛde Animia Gyina Ɔhaw Ano

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Sɛ yɛka sɛ obi de animia resom Yehowa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ ohyia ɔhaw anaa ɔrehu amane a, otumi gyina mu a ɔmma nea ato no no mmu mfa ne so. Afei nso, nea ato no no, sɛ emu yɛ den sɛ dɛn koraa a, ɔkɔ so gyina pintinn, onya ho adwempa, na onya anidaso sɛ daakye biribiara bɛyɛ yiye. Sɛ ɔhaw to yɛn na yemia yɛn ani gyina mu a, ‘yɛrentwe yɛn ho,’ kyerɛ sɛ, yɛrennyae Yehowa som. (Heb 10:​36-39) Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛagyina sɔhwɛ ano.—Heb 13:6.

Yehowa boa yɛn ma yegyina ɔhaw ano. Kyerɛwnsɛm a edidi so yi, kyerɛ sɛnea emu biara ma yehu saa.

Yi VIDEO a yɛato din Bɔ Mpae Denneennen Ma Wɔn a Wɔrefa Sɔhwɛ Mu. Afei bisa sɛ:

  • Yɛn nuanom a wɔrefa sɔhwɛ mu no, sɛn na jw.org betumi aboa yɛn ama yɛahu wɔn?

  • Awofo bɛyɛ dɛn atete wɔn mma ama wɔabɔ mpae ama afoforo, na adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ wɔkyerɛ mmofra no saa?

  • Yɛn nuanom Kristofo a wɔrehyia sɔhwɛ no, adɛn nti na ehia sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa mmoa wɔn?

  • Sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo a, sɛn na ɛboa yɛn ma yetumi gyina yɛn ankasa haw ano?

8. Asafo Bible Adesua

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 32 Ne Mpaebɔ