Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

November 25–December 1

DWOM 109-112

November 25–December 1

Dwom 14 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Taa Ɔhene Yesu Akyi!

(Simma 10)

Bere a Yesu san kɔɔ soro no, ɔkɔtenaa Yehowa nsa nifa (Dw 110:1; w06 9/1 13 ¶6)

Yesu fii ase dii n’atamfo so nkonim afe 1914 (Dw 110:2; w00 4/1 18 ¶3)

Yebetumi afi yɛn pɛ mu ataa Yesu tumidi akyi (Dw 110:3; be 76 ¶2)

BISA WO HO SƐ, ‘Botae ahorow bɛn na metumi de asisi m’ani so de akyerɛ sɛ metaa Ahenni no akyi?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 110:4—Apam a wɔaka ho asɛm wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no, kyerɛkyerɛ mu. (it-1 524 ¶2)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa yɛn nkratawa no bi fi nkɔmmɔbɔ ase. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 3)

5. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 5) Ɔyɛkyerɛ. ijwfq 23—Asɛmti: Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nkɔ Ɔko? (lmd adesua 4 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Asuafo

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 72

7. Yɛbɛyɛ Dɛn De Nokwaredi Ataa Ahenni No Akyi?

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Ahenni a Yehowa ahyehyɛ wɔ soro no ma yehu sɛ ɔno ne amansan yi wura. (Da 2:​44, 45) Enti sɛ yɛyere yɛn ho taa Onyankopɔn Ahenni no akyi a, na yɛrekyerɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa tumidi na ɛfata paa.

Yi VIDEO a yɛato din Fa Nokwaredi Bɔ “Asomdwoe Hene” No Kyidɔm. Afei bisa sɛ:

  • Yɛbɛyɛ dɛn de nokwaredi ataa Ahenni no akyi?

Nea edidi so yi yɛ akwan a yɛfa so taa Ahenni no akyi. Kyerɛwsɛm bɛn na wohwɛ a ɛfa emu biara ho? Kyerɛw hyɛ ho.

  • Ma Ahenni no nyɛ ade titiriw wɔ w’asetenam.

  • Abrabɔ ho akwankyerɛ a wɔde ama Ahenni no manfo no, di so.

  • Fa nsi ne ahokeka ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo.

  • Kyerɛ obu ma nnipa aban, nanso sɛ Kaesare mmara ka biribi na ɛne Onyankopɔn mmara nhyia a, tie Onyankopɔn mmom.

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 18 ¶16-24

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 75 Ne Mpaebɔ