Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ɔdɔ Ma Yehu Wɔn a Wɔyɛ Nokware Kristofo​—Baakoyɛ Som Bo, Enti Bɔ Ho Ban

Ɔdɔ Ma Yehu Wɔn a Wɔyɛ Nokware Kristofo​—Baakoyɛ Som Bo, Enti Bɔ Ho Ban

NEA ENTI A ƐHO HIA: Ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae anadwo no maa n’asuafo no “sɛnea wɔn biakoyɛ bedi mũ.” (Yoh 17:23) Sɛ yebetumi akɔ so atena ase baakoyɛ mu a, ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi. Ɔdɔ nso de, ‘ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.’​—1Ko 13:5.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Hwehwɛ nneɛma pa a ɛwɔ afoforo ho fa suasua Yehowa

  • Yi wo yam fa bɔne kyɛ

  • Sɛ wo ne obi nya asɛm na musiesie mo ntam wie a, nkɔfa ho asɛm mma bio.​—Mme 17:9

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN “MONNODƆ MO HO”​—MOMMFA BƆNE NNHYƐ MO MU. AFEI BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video no fã a edi kan no mu no, dɛn na Helena yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ‘ɔde bɔne ahyɛ ne mu’?

  • Video no fã a ɛto so mmienu no mu no, Helena tumi de adwempa dii nsusuwii a na ɛmfata no so. Ɔyɛɛ no sɛn?

  • Awiei koraa no, ɔkwan bɛn so na Helena boa maa asomdwoe kɔɔ so tenaa asafo no mu?

Sɛ yɛde bɔne hyɛ yɛn mu a, hena na ebepira no kɛse?