Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ɔdɔ Ma Yehu Wɔn a Wɔyɛ Nokware Kristofo—Munni Nokware Ho Ahurusi

Ɔdɔ Ma Yehu Wɔn a Wɔyɛ Nokware Kristofo—Munni Nokware Ho Ahurusi

NEA ENTI A ƐHO HIA: Nokware a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ho no, ɛsɛ sɛ yedi ho adanse de suasua Yesu. (Yoh 18:37) Afei nso, ɛmfa ho sɛ yɛte wiase a atoro ne nneɛma bɔne ahyɛ mu mã mu no, ɛsɛ sɛ yedi nokware no ho ahurusi, yɛka nokware, na yedwinnwen biribiara a ɛyɛ nokware ho.—1Ko 13:6; Flp 4:8.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Si wo bo sɛ worentie anaa worentrɛw nseku mu.—1Te 4:11

  • Sɛ asɛm to obi a, nni ho ahurusi

  • Ma w’ani nnye nneɛma pa ne nneɛma a ɛhyɛ nkuran ho

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN “MONNODƆ MO HO”—MONNNI NEA ƐNTEƐ HO AHURUSI, MMOM MONNI NOKWARE HO AHURUSI. AFEI BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Dɛn na Debora yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ‘ɔredi nea ɛnteɛ ho ahurusi’?

  • Alice sesaa ɔne Debora nkɔmmɔ no, na wofii ase kaa nneɛma a ɛhyɛ nkuran ho asɛm. Ɔyɛɛ no sɛn?

  • Nneɛma pa bɛn na yebetumi ne afoforo abɔ ho nkɔmmɔ?

Munnni nea ɛnteɛ ho ahurusi, mmom munni nokware ho ahurusi