Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | DWOM 135-141

Sɛnea Yehowa Yɛɛ Yɛn no Yɛ Nwonwa

Sɛnea Yehowa Yɛɛ Yɛn no Yɛ Nwonwa

Dawid dwinnwen nneɛma a Onyankopɔn abɔ ho, na ohuu ne su a ɛyɛ fɛ no. Ɛmaa no de ahoɔden som Yehowa ne nkwa nna nyinaa.

Bere a Dawid too ne bo dwen abɔde ho no, ɔkamfoo Yehowa:

139:14

  • “Mɛkamfo wo efisɛ sɛnea woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwonwa”

139:15

  • “Me nnompe anhintaw wo bere a woyɛɛ me ahintawee mu, bere a wonwenee me asase yam tɔnn no”

139:16

  • “Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me, na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu”