Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Yɛne Obi Reyɛ Bible Adesua a, Nneɛma Bɛn na Ɛnsɛ sɛ Yɛyɛ?

Yɛne Obi Reyɛ Bible Adesua a, Nneɛma Bɛn na Ɛnsɛ sɛ Yɛyɛ?

Ɛnkasa Pii: Wo ne obi resua ade a, nnya adwene sɛ wo na ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ biribiara mu. Sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ a, na otumi de nsɛmmisa yɛ adwuma ma nkurɔfo nya ntease a ɛsɛ sɛ wonya. (Mt 17:24-27) Sɛ wode nsɛmmisa yɛ adwuma a, ɛma adesua no yɛ anika na wuhu osuani no ntease ne nea ogye di. (be 253 ¶3-4) Sɛ wubisa wo suani bi asɛm a, nya abotare ma ommua. Sɛ osuani no ma mmuae tĩ a, ɛmpere wo ho nka mmuae no nkyerɛ no. Mmom bisabisa nsɛm foforo a ɛbɛma no anya ntease a ɛsɛ sɛ onya. (be 238 ¶1-2) Wokasa ntɛm dodo a, osuani no adwene ntumi nkye nneɛma foforo a ɔresua no.be 230 ¶4.

Mma no Nyɛ Nwonworann: Nea wunim fa asɛm no ho no, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛsɛ sɛ woka. (Yoh 16:12) Nsɛntitiriw a ɛwɔ adesua no mu, ɛno na fa w’adwene si so. (be 226 ¶4-227 ¶1) Sɛ wode nsɛm pii hyehyɛ mu a, ɛyɛ dɛ sɛ dɛn mpo a, ɛbɛma nsɛntitiriw no ayera. (be 235 ¶3) Sɛ osuani no nya te nsɛntitiriw no ase a, monkɔ nkyekyɛm a edi hɔ.

Mfa Adesua no Ntu Mmirika: Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yebewie nhoma no ntɛm, mmom yɛpɛ sɛ adesua no pusuw osuani no. (Lu 24:32) Onyankopɔn Asɛm wɔ nkwa, enti kyerɛw nsɛm a esi nsɛntitiriw no so dua no, ɛno na fa yɛ adwuma. (2Ko 10:4; Heb 4:12; be 144 ¶1-3) Fa mfatoho kyerɛkyerɛ, nanso mma emu nyɛ den. (be 245 ¶2-4) Osuani biara wɔ ne haw ne nea ogye di, enti ma adesua no mfa osuani no ho. Wubetumi abisa nsɛm bi te sɛ: “Nea yɛresua no ka wo sɛn?” “Ɛdɛn na ɛkyerɛ yɛn wɔ Yehowa ho?” “Wode afotu yi yɛ adwuma a, wohwɛ a mfaso bɛn na wubenya?”be 238 ¶3-5; 259 ¶1.