Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Hyɛ Anigyefo Nkuran Ma Wɔmmra Asafo Nhyiam

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Hyɛ Anigyefo Nkuran Ma Wɔmmra Asafo Nhyiam

NEA ENTI A ƐHO HIA: Yɛkɔ asafo nhyiam a, yenya kwan ‘to dwom’ ma Yehowa na ‘yeyi no ayɛ.’ (Dw 149:1) Yɛkɔ a, wɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛyɛ Onyankopɔn apɛde. (Dw 143:10) Anigyefo ne Bible asuafo pii wɔ hɔ a, wofi ase ba asafo nhyiam a, wonya nkɔso ntɛmntɛm.

ƆKWAN A WOBƐFA SO AYƐ:

  • Obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, animuanim ara, to nsa frɛ no sɛ ɔmmra asafo nhyiam. Ntwɛn sɛ wo ne no befi Bible adesua ase ansa na woafrɛ no.Adi 22:17

  • Ma onigyefo no nhu nea ɛkɔ so wɔ yɛn nhyiam ase ne nea nnawɔtwe a edi hɔ yebesua. Nneɛma a wubetumi de aboa no no bi ni: krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba asafo nhyiam, video a wɔato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? ne Yehowa Apɛde nhomawa no, adesua 5 ne 7

  • Boa no. Ebia ebehia sɛ wokɔfa onigyeni no, anaa woboa no ma no hu atade a ɛfata sɛ ɔhyɛ. Ɔba nso a tena ne nkyɛn na ma no nhwɛ wo nhoma mu bi. Fa no kyiakyia