Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | DWOM 119

‘Nantew Yehowa Mmara Mu’

‘Nantew Yehowa Mmara Mu’

Yɛka sɛ obi nam Yehowa mmara mu a, ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase de Onyankopɔn akwankyerɛ yɛ adwuma a obiara nhyɛ no. Odwontofo no dii Yehowa mmara so na ɔde ne ho too ne so. Bible ma yehu sɛ nnipa pii nso yɛɛ saa.

Yebenya anigye paa a, gye sɛ yɛnantew Onyankopɔn mmara mu

119:1-8

Yosua nyaa Yehowa akwankyerɛ mu awerɛhyem kɛse, na ɔde yɛɛ adwuma. Ohuu sɛ, sɛ ebesi no yiye ama n’ani agye a, gye sɛ oyi ne yam de ne ho to Yehowa so

Onyankopɔn Asɛm ma yenya akokoduru de gyina sɔhwɛ ano

119:33-40

Yeremia hyiaa sɔhwɛ akɛse pii, nanso ɔde ne ho too Yehowa so na onyaa akokoduru. Ɔyɛɛ ne ho awiɛmfoɔ na wannyae ne som adwuma

Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a edi mu boa yɛn ma yɛde ahotoso ka asɛm no

119:41-48

Paulo ansuro sɛ ɔbɛka Onyankopɔn asɛm akyerɛ obiara a obehyia no. Onyaa gyidi paa sɛ Yehowa bɛboa no, enti onyaa akokoduru dii Amrado Felike adanse

Ɛhe na ɛho behia sɛ minya akokoduru di adanse?

  • Sukuu mu

  • Adwuma mu

  • Abusuafo mu

  • Tebea foforo mu