Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Yɛbɔ Pon Bi Mu na Abofra Bebue a, Dɛn na Yɛbɛyɛ?

Yɛbɔ Pon Bi Mu na Abofra Bebue a, Dɛn na Yɛbɛyɛ?

Yɛbɔ pon bi mu wɔ asɛnka mu na abofra bebue a, yɛmma no nkɔfrɛ n’awofo mmra. Yɛyɛ saa a ɛkyerɛ sɛ yebu awofo no, efisɛ wɔn na abofra no hyɛ wɔn ase. (Mme 6:20) Sɛ abofra no ka sɛ yɛmmra dan mu a, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ. Sɛ n’awofo nni hɔ a, yɛnkɔ mmra da foforo.

Sɛ abofra no ani afi kakra mpo a, ne papa mu ne sɛ yebebisa n’awofo ase. Sɛ ɔka sɛ wonni hɔ a, yebetumi abisa no sɛ n’awofo ma no kenkan nhoma biara a ɔpɛ anaa. Ɔka sɛ aane a, yebetumi ama no biribi akan. Yɛpɛ nso a yebetumi akyerɛ no sɛ ɔnkɔ jw.org.

Sɛ abofra bi kyerɛ asɛm no ho anigye na yɛkɔ ne nkyɛn da foforo a, ɛsɛ sɛ yɛma no frɛ n’awofo ba. Wɔba a, yebetumi akyerɛ wɔn nea enti a yɛaba hɔ. Afei nso afotusɛm pii wɔ Bible mu a mmusua de yɛ adwuma a, wɔn nsa rensi fam; yebetumi aka bi akyerɛ wɔn. (Dw 119:86, 138) Yɛfa saa kwan yi so a, ɛbɛma awofo no ahu sɛ yebu wɔn na yedwen wɔn ho. Afei ebedi yɛn ho adanse pa, na ɛbɛma yɛanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ abusua no nyinaa.1Pe 2:12.