Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm a Yebetumi Aka

Nsɛm a Yebetumi Aka

ƆWƐN-ABAN

Asɛmmisa: Ɛtɔ da a yɛn nyinaa hia awerɛkyekye. Wohwɛ a, ɛhe na yebetumi anya awerɛkyekye?

Kyerɛwsɛm: 2Ko 1:3, 4

Wubetumi Aka Sɛ: Ɔwɛn-Aban yi ma yehu sɛnea Onyankopɔn ma yɛn awerɛkyekye.

ƆWƐN-ABAN (akyi)

Asɛmmisa: Ebinom susuw sɛ Onyankopɔn Ahenni wɔ nnipa komam; ebinom nso adwene ne sɛ ɛyɛ nnipa nhyehyɛe a ɛde asomdwoe bɛba wiase. Wo nso w’adwene yɛ wo sɛn?

Kyerɛwsɛm: Da 2:44

Wubetumi Aka Sɛ: Nea Bible aka no ma yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ aban ankasa. Wokenkan asɛm yi a wubehu nsɛm foforo a Bible aka afa Onyankopɔn Ahenni ho.

MA NKURƆFO NHU NOKWARE NO

Asɛmmisa: Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho?

Kyerɛwsɛm: 1Pe 5:7

Nokwasɛm: Onyankopɔn se yɛmmɔ no mpae efisɛ odwen yɛn ho.

KYERƐW NEA W’ANKASA WOBƐKA

Hwɛ nsɛm a yebetumi aka no so na wo ankasa kyerɛw nea wobɛka.