Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Boa Wɔn a Wɔn Ani Nnye Nyamesom Ho No Ma Wɔmmehu Ɔbɔadeɛ No

Boa Wɔn a Wɔn Ani Nnye Nyamesom Ho No Ma Wɔmmehu Ɔbɔadeɛ No

Nnipa a wɔn ani nnye nyamesom ho no, sɛ ɛba sɛ wubedi wɔn adanse a, ɛyɛ a wotwetwe wo ho anaa? Ɛyɛ a w’adwene yɛ wo sɛ wɔrentie anaa? Sɛ saa na ɛte a, kae sɛ nnipa a ɛte saa no, wɔn mu bebree abɛyɛ Yehowa Adansefo; ná wɔn mu bi nnye nni mpo sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nea na wɔhia ara ne obi a ɔbɛboa wɔn ama wɔanya biribi agyina so agye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.—Ro 1:20; 10:14.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN KAE SƐ WƆN A WONNI GYIDI BETUMI ANYA GYIDI!—WƆN A WƆN ANI NNYE NYAMESOM HO. WUWIE A, BUA ASƐMMISA A EDI SO YI:

Tommaso suahu no, dɛn na ɛwom a ɛma yehu sɛ, wɔn a wɔn ani nnye nyamesom ho no, ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho adwempa na yedi wɔn adanse?