Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

September 2-8

DWOM 79-81

September 2-8

Dwom 29 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Kyerɛ Sɛ Yehowa Din Kɛse No Da Wo Koma So

(Simma 10)

Nneyɛe a egu Yehowa din ho fi no, twe wo ho fi ho (Dw 79:9; w17.02 9 ¶5)

Bɔ Yehowa din frɛ no (Dw 80:18; ijwbv 3 ¶4-5)

Wɔn a wɔtie Yehowa asɛm, na wɔma ohu sɛ ne din da wɔn koma so no, ohyira wɔn ma ɛboro so (Dw 81:​13, 16)

Sɛ yɛma obiara hu sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo a, ɛbɛboa yɛn ama yɛabɔ bra pa, na ama yɛatew Yehowa din ho

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma  10)

  • Dw 80:1—Ɛtɔ da a, edin Yosef no, Bible tumi de gyina hɔ ma Israel mmusuakuw no nyinaa. Adɛn ntia? (it-2 111)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 1) AFIE AFIE ASƐNKA. Ka kyerɛ ofiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 4)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka kyerɛ ofiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 3)

6. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BAGUAM ADANSEDI. Ka kyerɛ ofiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 3)

7. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 5) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ bere bi a wokɔɔ nipa no nkyɛn no, na n’ani nnye asɛm no ho, nanso ɛnnɛ de, wuhu sɛ n’ani gye ho. Ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 10

8. “Wɔbɛtew Me Din Ho”

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Eden turom hɔ na Satan fii ase sɛee Yehowa din. Efi saa bere no, asɛnkɛse a abɛtɔ nnipa ne abɔfo so ne sɛ wɔbegyina Yehowa akyi na wɔatew ne din ho, anaasɛ wɔrentew ne din ho.

Atoro fitaa a Satan atwa ato Yehowa so no, wo de, ma yɛnhwɛ bi. Ose Yehowa yɛ sodifo a ne tirim yɛ den a onnwen nnipa ho. (Ge 3:​1-6; Hio 4:​18, 19) Ose yɛn a yɛsom Onyankopɔn no nso, ɛnyɛ ɔdɔ bi na yɛdɔ no. (Hio 2:​4, 5) Afei nso, watumi ama nnipa mpempem pii agye adi sɛ, wiase a yɛte mu yi ne nneɛma fɛfɛɛfɛ a ɛwom no, ɛnyɛ Yehowa na ɛbɔe.—Ro 1:​20, 21.

Saa atoro fitaa yi, ɛma wote nka sɛn? Ebia wompɛ ate koraa, enti wopɛ sɛ wosɔre gyina na wotew Yehowa din ho! Yehowa nso nim sɛ wɔn a wɔsom no no bɛboa ama ne din ho atew. (Fa toto Yesaia 29:23 ho.) Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa?

  • Boa nkurɔfo ma wɔmmehu Yehowa, na wɔnnɔ no. (Yoh 17:​25, 26) Yɛ krado sɛ wobɛma nkurɔfo ahu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Afei nso, ka Yehowa suban a ɛyɛ fɛ no ho asɛm kyerɛ wɔn.—Yes 63:7

  • Fa wo koma nyinaa dɔ Yehowa. (Mt 22:​37, 38) Di Yehowa mmara so. Wudi so a, ɛbɛboa wo. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara nti na ɛsɛ sɛ wudi ne mmara so. Ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ wudi ne mmara so ne sɛ, wopɛ sɛ woma n’ani gye.—Mme 27:11

Yi VIDEO a yɛato din Ɔdɔ To Ntwa Da Ɛmfa Ho Sɛ . . . Wo Sukuufo Mfa Onyankopɔn Mmara Nyɛ Hwee No. Afei bisa sɛ:

  • Dɛn na Ariel ne Diego yɛe de tew Yehowa din ho?

  • Adɛn nti na na wɔpɛ sɛ wɔtew Yehowa din ho?

  • Sɛn na wubesuasua wɔn nhwɛso no?

9. Asafo Bible Adesua

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 90 Ne Mpaebɔ