Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?

Ɔsom mmienu pɛ na ɛwɔ hɔ: baako kɔ nkwa mu, ɛnna baako kɔ ɔsɛe mu. Nhomawa bi bɛboa wo ama woahu ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no.

Nnianim

Nkwa a yɛwɔ nnɛ, ne nea yebenya daakye nyinaa wɔ Onyankopɔn nsam. Enti ɛho hia pa ara sɛ yɛsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so!

ƆFA 1

So Ɔsom Nyinaa Kyerɛkyerɛ Nokware No?

Nyamesomfo mu no, ɛsono nea obiara gye di. So nea wɔn nyinaa gye di no gyina nokware so?

ƆFA 2

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asua Nokwasɛm a Ɛfa Nyankopɔn Ho No?

Biribi wɔ hɔ a nnipa nyinaa betumi agye atom na aboa yɛn ama yɛahu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn som mu anaa?

ƆFA 3

Henanom Na Wɔte Ahonhom Atenae Hɔ?

Gyidi a na yɛn nananom wɔ wɔ ahonhom ho no betumi anya yɛn so nkɛntɛnso pa ara. Nanso nokware bi wɔ saa gyidi no mu anaa? Ɛho mmuae wɔ Bible mu.

ƆFA 4

Ɛhefa Na Yɛn Nananom Wɔ?

Nnipa pii gye di sɛ, sɛ obi wu a na onwui, na mmom ɔkɔtena baabi foforo. Dɛn na Bible ka fa saa asɛm yi ho?

ƆFA 5

Nkonyaayi, Asumansɛm, Ne Abayisɛm Ho Nokwasɛm

Ahonhommɔne wɔ tumi na wɔbetumi apira yɛn, nanso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ wɔn ho yɛ den dodo.

ƆFA 6

Onyankopɔn Gye Ɔsom Ahorow Nyinaa Tom Anaa?

Ebinom susuw sɛ Onyankopɔn gye ɔsom ahorow nyinaa tom. Saa na Bible kyerɛkyerɛ anaa?

ƆFA 7

Henanom Na Wɔsom Nokware Som?

Bible no betumi aboa wo ama wahu wɔn a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde.

ƆFA 8

Twe Wo Ho Fi Atoro Som Ho; Fa Wo Ho Bɔ Nokware Som

Yesu kaa sɛ: “Nea onni m’afa no sɔre tia me.” Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ ɔfa a yegyina?

ƆFA 9

Nokware Som So Betumi Aba Wo Mfaso Daa!

Sɛ wosom Yehowa a, obehyira wo ɛnnɛ ne daakye.