Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFA 4

Ɛhefa Na Yɛn Nananom Wɔ?

Ɛhefa Na Yɛn Nananom Wɔ?

1, 2. Dɛn na nnipa pii gye di wɔ wɔn a wɔawuwu no ho?

NNIPA ɔpepem pii a wɔwɔ Afrika no gye tom sɛ owu nyɛ nkwa awiei, na mmom ɛyɛ nsakrae a ɛde obi kɔ asetra foforo mu ara kwa. Nnipa pii susuw sɛ wɔn nananom a wɔawuwu no afi wiase yi mu kɔ wiase a wonhu mu, wofi nnipa wiase kɔ ahonhom wiase.

2 Wɔwɔ gyidi bi sɛ saa nananom a wɔawuwu anaa wɔn ahonhom yi ma wɔn mmusua a wɔwɔ asase so di yiye wɔ asetra mu. Sɛnea saa gyidi yi kyerɛ no, nananom ahonhom no yɛ nnamfo a wɔwɔ tumi, a wotumi ma nnɔbae ba, wɔma wodi yiye, na wɔbɔ wɔn ho ban. Wɔkyerɛ sɛ sɛ wobu ani gu wɔn so anaa wɔfom wɔn a, wɔde asiane—yare, ohia ne amanehunu—na ɛba.

3. Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo binom som nananom a wɔawuwu no?

3 Wɔn a wɔte ase no yɛ amanne ahorow de di nananom ahonhom no ni na wɔne wɔn anya abusuabɔ pa. Wɔtaa hu nneyɛe ahorow yi wɔ ayiyɛ ne afunsie ho amanne ahorow te sɛ pɛsi ne tu a wotu funu san sie mu. Nananom a wɔsom wɔn da adi wɔ akwan foforo nso so. Sɛ nhwɛso no, ansa na nnipa binom bɛnom nsa no, wodi kan de bi gu fam ma nananom a wɔawuwu no. Bio nso, sɛ wɔnoa aduan bi wie a, wogyaw bi wɔ ayowa mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ nananom no ba a, wobenya biribi adi.

4. Dɛn na nnipa pii gye di wɔ ɔkra ho?

4 Nnipa binom nso gye di sɛ ateasefo wɔ ɔkra a enwu da a ɛkɔ so tra ase wɔ wɔn wu akyi. Sɛ onipa no bɔ ne bra yiye a, wɔkyerɛ sɛ ne kra bɛkɔ soro, anaasɛ paradise, nanso sɛ wammɔ ne bra yiye a ne kra no bɛkɔ hell. Mpɛn pii no nkurɔfo de saa adwene yi fra atetesɛm mu gyidi horow mu. Sɛ nhwɛso no, atesɛm krataa a wɔnam so bɔ awufo som ho dawuru no taa ka nso sɛ nipa no “kɔ n’akuraa anaa wiase foforo bi mu” anaasɛ ɔkɔ yɛn “nananom nkyɛn.” Gyidi horow yi nyinaa gyina adwene a ɛne sɛ ɔkra no anaa honhom no tra ase wɔ owu akyi so. Dɛn na Bible no ka wɔ eyi ho?

Ɔkra ne Honhom

5, 6. Sɛnea Bible kyerɛ no, dɛn ne ɔkra?

5 Bible no kyerɛ sɛ ɔkra no nyɛ biribi a ɛhyɛ nipa mu; ɔkra no ne nipa no ankasa. Sɛ nhwɛso no, bere a Onyankopɔn bɔɔ Adam no, “onipa no bɛyɛɛ ɔkra teasefo.” (Genesis 2:7) Wɔamma Adam ɔkra; na ɔno ne ɔkra no, nipa mũ no.

6 Ne saa nti, yɛkenkan sɛ wɔwo akra. (Genesis 46:18) Wobetumi adidi anaa wɔadi mmuada. (Leviticus 7:20; Dwom 35:13) Wotumi sũ na wɔtɔ piti. (Yeremia 13:17; Yona 2:7) Wobetumi akyere akra de wɔn asie, ataa wɔn so, na wɔde wɔn agu mpokyerɛ mu. (Deuteronomium 24:7; Dwom 7:5; 105:18) Bible ahorow bi de mfitiase kasa “ɔkra” na edi dwuma bere a afoforo de nsɛmfua “ateasefo,” “abɔde” anaa “onipa” na edi dwuma no. Ne nyinaa kyerɛ ade koro.

7. Bible mu nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔkra no betumi awu?

7 Esiane sɛ ɔkra no ne onipa no ankasa nti, sɛ onipa wu a, na ɔkra no awu. Hesekiel 18:4 ka sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” Asomafo no Nnwuma 3:23 nso ka sɛ: “Ɔkra biara a ontie saa Odiyifo no, wɔbɛsɛe no koraa afi ɔman no mu.” Enti ɔkra no nyɛ biribi a ɛtena hɔ wɔ nipa no wu akyi.

8. Dɛn ne honhom a ɛwɔ nnipa mu no?

8 Honhom no ne ɔkra no nyɛ ade koro. Honhom a ɛwɔ nnipa mu no ne nkwa tumi a ɛma wotumi tra nkwa mu yɛ ade no. Honhom no te sɛ anyinam ahoɔden. Anyinam ahoɔden betumi ama abɔmframa anaasɛ frigye ayɛ adwuma nanso n’ankasa ntumi mma mframa mmɔ anaa ɛmma nneɛma nyɛ nwini. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, yɛn honhom ma yetumi hu ade, te asɛm, na yɛdwene. Nanso sɛ honhom no kwati ani, aso, anaa adwene no a, n’ankasa ntumi nyɛ eyinom mu biara. Ɛno nti na Bible no ka fa nipa ho sɛ: “Ne honhom fi kɔ, na ɔsan kɔ ne dɔte mu; da no ara, ne nsusuwii yera.”—Dwom 146:4.

9. Dɛn na ɔkra no ne honhom no ntumi nyɛ?

9 Enti, sɛnea Bible no kyerɛ no, ɔkra no anaa honhom no nkɔ so ntra ase wɔ onipa no wu akyi wɔ ahonhom atenae.

Awufo Tebea

10. Dɛn na Bible no ka fa tebea a awufo wom ho?

10 Ɛnde, na tebea bɛn na awufo wom? Esiane sɛ Yehowa na ɔbɔɔ nnipa nti, onim nea ɛba yɛn so bere a yɛawu no. N’asɛm kyerɛkyerɛ sɛ awufo nni nkwa mu, wontumi nte asɛm, wontumi nhu ade, wontumi nkasa, anaa wɔnnwene hwee. Bible no ka sɛ:

  • ‘Awufo . . . nnim biribiara.’—Ɔsɛnkafo 9:5.

  • “Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dedaw.”—Ɔsɛnkafo 9:6.

  • “Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamoa mu a worekɔ no.”—Ɔsɛnkafo 9:10.

11. Adam yɛɛ bɔne akyi no, dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ no?

11 Susuw nea Bible ka fa yɛn nana a odi kan Adam ho no hwɛ. Yehowa de “fam dɔte” na ɛnwenee Adam. (Genesis 2:7) Sɛ Adam yɛɛ osetie maa Yehowa mmara a, anka ɔbɛtra ase daa wɔ anigye mu wɔ asase so. Nanso, Adam buu Yehowa mmara so, na asotwe a onyae ne owu. Adam wui no ɛhe na ɔkɔe? Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii. Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”—Genesis 3:19.

12. Dɛn na ɛbaa Adam so wɔ owu mu?

12 Ɛhefa na na Adam wɔ ansa na Yehowa bɔɔ no fii dɔte mu no? Na onni baabiara. Na ɔnte ase. Enti bere a Yehowa kae sɛ Adam bɛsan ‘akɔ dɔte mu’ no na Ɔkyerɛ sɛ Adam bɛsan akɔ tebea a nkwa nnim mu, te sɛ dɔte. Adam ankɔtra ahonhom wiase. Wankɔ ‘n’akuraa’ anaa ahonhom atenae. Wankɔ soro anaa hell. Ɔsan kɔɔ tebea a nkwa nnim mu; wankɔ so antra nkwa mu.

13. Dɛn na ɛba nnipa ne mmoa nyinaa so wɔ owu mu?

13 So ade koro no ara na ɛto nnipa nyinaa? Yiw, ɛte saa. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “[Nnipa ne mmoa] nyinaa kɔ faako. Wɔn nyinaa fi dɔte mu, na wɔn nyinaa san kɔ dɔte mu.”—Ɔsɛnkafo 3:19, 20.

14. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwu no?

14 Bible no hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn benyan awufo aba nkwa mu wɔ paradise asase so. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Nanso saa bere no bɛba daakye. Mprempren de, wɔada wɔ owu mu. (Yohane 11:11-14) Ɛnsɛ sɛ yesuro wɔn anaa yɛsom wɔn, efisɛ wɔrentumi mmoa yɛn anaa wɔrentumi nhaw yɛn.

15, 16. Ɔkwan bɛn so na Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa agye adi sɛ awufo no nwui ankasa?

15 Adwene a ɛne sɛ yenwu da no yɛ atoro a Satan Ɔbonsam ama atrɛw. Nea ɛbɛyɛ na nnipa agye atoro yi adi no, ɔne n’adaemone no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa asusuw sɛ awufo ahonhom na wɔma nnipa yare na wohyia nsɛnnennen ahorow. Ɛyɛ nokware sɛ ɔhaw no bi wɔ hɔ a adaemone ankasa na wɔde ba. Na ɛyɛ nokware nso sɛ ɔhaw no bi wɔ hɔ a ɛnyɛ tumi a ɛboro nnipa de so na wɔde ba. Nanso ɛnyɛ nokware sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no betumi apira yɛn.

16 Ɔkwan foforo bi nso wɔ hɔ a adaemone no fa so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa asusuw sɛ nea Bible ka fa owu ho no nyɛ nokware. Wɔdaadaa nnipa ma wosusuw sɛ wɔahu awufo anaa wɔne wɔn akasa. Adaemone no yɛ eyi denam anisoadehu, adaeso, adebisafo, anaa akwan foforo so. Nanso, ɛnyɛ nnipa a wɔawuwu na ebinom ne wɔn di, na mmom wɔne adaemone a wɔyɛ wɔn ho sɛ nnipa a wɔawu no na edi nkitaho. Ɛno nti na Yehowa kasa tia adebisa ne wɔn a wobisa funu denneennen no.—Deuteronomium 18:10-12; Sakaria 10:2.