Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim

Nnianim

ADE NYINAA SO TUMFOƆ NYANKOPƆN ne amansan nyinaa Wura. Yɛn nkwa a yɛwɔ nnɛ ne nea yebenya daakye gyina no so. Otumi ma akatua de asotwe ma. Ɔwɔ owu ne nkwa so tumi. Sɛ yenya n’anim dom a yebedi yiye; sɛ yɛannya n’anim dom a ɛrensi yɛn yiye. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛma yɛn som sɔ n’ani!

Nnipa nam akwan pii so na ɛsom. Sɛ ɔsom te sɛ ɔkwan a, so nyamesom akwan nyinaa sɔ Nyankopɔn ani? Dabi, ɛnsɔ n’ani. Onyankopɔn diyifo, Yesu kyerɛe sɛ akwan abien pɛ na ɛwɔ hɔ. Ɔkae sɛ: “Momfa ɔpon teateaa no mu; efisɛ ɔkwan a ɛsõ na ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu, na nnipa bebree na wɔnam so rekɔ mu; nanso ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.”​—Mateo 7:13, 14.

Ɔsom ahorow abien pɛ na ɛwɔ hɔ: nea ɛkɔ nkwa mu ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu. Nhomawa yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa wo ma woahu ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no.