Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFA 7

Henanom Na Wɔsom Nokware Som?

Henanom Na Wɔsom Nokware Som?

1. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de sɔ Onyankopɔn ani?

SƐ YƐNE Onyankopɔn benya abusuabɔ a ɔdɔ ne anigye wom a, ɛnsɛ sɛ yɛne atoro som nya abusuabɔ biara. Ɛsɛ sɛ yɛsom nokware som. Nnipa ɔpepem pii reyɛ saa wɔ wiase nyinaa nnɛ.

2. Ɛhe na wobetumi ahu Yehowa Adansefo, na dɛn ne wɔn adwuma?

2 Sɛnea Bible ka siei no, “nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” no na wɔbom yɛ nokware asomfo no. (Adiyisɛm 7:9) Yehowa Adansefo ɔpepem pii de nnamyɛ reboa afoforo ma wɔasua Yehowa akwan a ɔdɔ wom ne n’ahwehwɛde ahorow ho ade wɔ aman 235 mu.

Nokware Asomfo a Yebehu Wɔn

3. Hena na Adansefo no som no, na ɔsom bɛn na wɔkwati?

3 Adansefo no gye tom sɛ Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ wɔsom no. Wɔnkotow abosom anaa nyamesom mfonini biara. (1 Yohane 5:21) Wonni awufo ni denam pɛsi anaa amanne ahorow a ɛhyɛ atoro som mu gyidi ahorow ne “adaemone nkyerɛkyerɛ” ho nkuran a wɔde wɔn ho behyem so. (1 Timoteo 4:1) Nanso, wɔkyekye wɔn a wɔn adɔfo awuwu no werɛ denam Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wobenyan wɔn a wɔawuwu no akɔ asase so paradise mu ho nkyerɛkyerɛmu a wɔde ma wɔn so.—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15.

4. Ɛdefa nkonyaayi ho no, dɛn ne Onyankopɔn nkurɔfo gyinabea?

4 Adansefo no ne nkonyaayi, abayigoru, anaa abayisɛm nni hwee yɛ, esiane sɛ wonim sɛ saa nneɛma yi fi Ɔbonsam nti. Wɔmfa wɔn ho nto nkonyaayi so sɛ ɛmmɔ wɔn ho ban—wɔde wɔn werɛ hyɛ Yehowa mu.—Mmebusɛm 18:10.

5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo nyɛ “wiase no fã”?

5 Yesu kae sɛ n’asuafo ‘renyɛ wiase no fã.’ (Yohane 17:16) Yesu ankasa amfa ne ho anhyɛ amammuisɛm a na ɛwɔ ne bere so no mu. (Yohane 6:15) Saa ara nso na Adansefo no mfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm, ɔmampɛ, ne dibea ho apereperedi a ɛrekɔ so wɔ wiase no mu. Nanso, wotua wɔn tow na wodi ɔman a wɔte mu no mmara so.—Yohane 15:19; Romafo 13:1, 7.

6. Ɛdefa aware ne awaregyae ho no, akwankyerɛ bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo di akyi?

6 Esiane sɛ Adansefo no yɛ osetie ma aban akwankyerɛ nti, wɔhwɛ hu sɛ wɔde wɔn aware bɛhyɛ mmara ase. (Tito 3:1) Wɔyɛ osetie ma Onyankopɔn akwankyerɛ, ma enti wɔkwati awaredodow. (1 Timoteo 3:2) Bio nso, esiane sɛ Onyankopɔn asomfo de Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ wɔn asetra mu nti, wɔntaa nnyae aware.

7. Ɔkwan bɛn so na Adansefo no yi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho?

7 Adansefo no dodɔ wɔn ho. Saa dɔ yi, ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Nyankopɔn no ma wɔyɛ biako sɛ anuanom ankasa, ɛmfa ho sɛ wofi mmusua ne aman ahorow pii mu. Sɛ asiane bi si anaa ahokyere bi to wɔn a, Adansefo no yɛ ntɛm boa wɔn ho wɔn ho. Adansefo no nam sɛnea wɔbɔ wɔn bra so da ɔdɔ adi.—Yohane 13:35.

Yehowa Adansefo yɛ biako wɔ wiase sɛ anuanom

8. Nneyɛe bɔne bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo kwati?

8 Yehowa nkurɔfo yɛ adwumaden na ama wɔatumi de nokwaredi atra ase. Wonwia ade, wonni atoro, wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔbrasɛe mu, wɔmmow nsa, na wɔmfa wɔn ho nhyɛ adwuma mu nneyɛe bɔne mu. Okununom mmoro wɔn yerenom. Ansa na ebinom rebɛyɛ Adansefo no, wɔde wɔn ho hyɛɛ saa nneɛma yi mu, nanso denam Yehowa mmoa so no wɔagyae. ‘Wɔaguare wɔn’ wɔ Onyankopɔn ani so.—1 Korintofo 6:9-11.

Wɔn a Wɔyɛ Onyankopɔn Apɛde

9. Dɛn na nhoma bi ka faa ahonhonsɔre a ɛwɔ Afrika no ho?

9 Ɛwom, ɔsom pii kyerɛ sɛ wɔwɔ nokware no. Ebia wɔde wɔn nnwuma akɛse akɛse na ɛkyerɛ. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa nea wɔfrɛ no ahonhonsɔre a ɛwɔ Afrika ho no, nhoma bi ka sɛ: “Nkonyaayifo anaa adunsifo adwuma no abedi [Kristofo akuw foforo] nsam. . . . Wɔkyerɛ sɛ wɔhyɛ nkɔm na wɔyɛ anwonwade ahorow. Adiyifo a wɔwɔ wɔn mu no nya anisoadehu ahorow na wɔkyerɛ dae ahorow ase. Wɔde nhyira nsu, ngo kronkron, nsõ, kyɛnere ne aduhuam sa yare de bi bɔ nkurɔfo ho ban fi nyarewa ho.”

10, 11. Dɛn nti na nea wɔfrɛ no anwonwade ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no nkyerɛ sɛ ɔsom bi fi Onyankopɔn hɔ?

10 Wɔn a wɔwɔ ɔsom ahorow yi mu no kyerɛ sɛ anwonwade ahorow a wɔyɛ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ahyira wɔn som no so. Nanso anwonwade ahorow a asɔre bi yɛ no nkyerɛ sɛ Yehowa pene so. Satan ma atoro asomfo binom tumi ma wɔde yɛ “nsɛnkyerɛnne” ahorow. (2 Tesalonikafo 2:9) Bio nso, Bible no ka siei sɛ ɔdom akyɛde a efi Onyankopɔn te sɛ, nkɔmhyɛ, kasa horow, ne nimdeɛ soronko no ‘betwam.’—1 Korintofo 13:8.

11 Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu. Ɛda no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, Awurade, yɛanhyɛ nkɔm wo din mu, na yɛantu adaemone wo din mu, na yɛanyɛ ahoɔdenne bebree wo din mu anaa?’ Ɛnna afei mɛpae mu aka akyerɛ wɔn sɛ: Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratode”—Mateo 7:21-23.

12. Henanom na wɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni no mu?

12 Ɛnde, henanom na wɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni no mu? Ɛyɛ wɔn a wɔyɛ Yehowa apɛde no.

Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛnkafo

13. Adwuma bɛn na Onyankopɔn kyerɛ sɛ ne nkurɔfo nyɛ nnɛ, na henanom na wɔreyɛ?

13 Dɛn ne Onyankopɔn apɛde ma ne nkurɔfo nnɛ? Yesu kae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:14) Eyi ne adwuma a Yehowa Adansefo de nsi reyɛ.

14. Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni, na henanom na wobedi ade wɔ Ahenni no mu?

14 Wɔ “asase so nyinaa” no, Yehowa Adansefo ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm sɛ ɔsoro nniso a ebedi asase nyinaa so wɔ trenee mu. Wɔkyerɛkyerɛ sɛ Yehowa apaw Kristo Yesu sɛ Ahenni no so Hene, wɔne wɔn mfɛfo adedifo 144,000 a wɔapaw wɔn afi nnipa mu no.—Daniel 7:14, 18; Adiyisɛm 14:1, 4.

15. Dɛn na Ahenni no bɛsɛe no?

15 Adansefo no de Bible no di dwuma de kyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe Satan nhyehyɛe. Atoro som ne ne nkyerɛkyerɛ a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛhyɛ Ɔbonsam anuonyam no befi hɔ! (Adiyisɛm 18:8) Nnipa nniso ahorow a ɛne Onyankopɔn di asi no nso befi hɔ!—Daniel 2:44.

16. Henanom na Yesu Kristo bedi wɔn so, na wɔbɛtra he?

16 Bio nso, Yehowa Adansefo ma obiara hu sɛ Kristo Yesu de mfaso ahorow a ɛyɛ anigye bɛbrɛ obiara a ɔyɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ no. Eyinom na obedi wɔn so wɔ asase so no. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔni ne nea onni boafo nso. Ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ, na obegye ahiafo kra nkwa.”—Dwom 72:12, 13.

17. Henanom nkutoo na wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm?

17 Nnipakuw foforo biara nni hɔ a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde denam Ahenni no ho asɛmpa a wɔka no so. Yehowa Adansefo nkutoo na wɔrema nkurɔfo ahu Onyankopɔn Ahenni no wɔ wiase nyinaa.