Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFA 3

Henanom Na Wɔte Ahonhom Atenae Hɔ?

Henanom Na Wɔte Ahonhom Atenae Hɔ?

1. Ɔkwan bɛn so na wɔde nananom som toto Misrifo abodan ho?

WƆDE Afrika amammerɛ kwan so nyamesom mu gyidi horow toto Misrifo ɔbodan ho. Onyankopɔn na ɔyɛ ɔkɛseɛ, na ɔwɔ tumi sen biara. Abosom anaa ahonhom a wɔba fam a wɔyɛ Onyankopɔn nkoa na wowɔ nkyɛn nkyɛn. Wɔn nso a wɔbɛn wɔn ne nananom a wɔawuwu a wɔkae wɔn abusuafo a wɔwɔ asase so na wɔma wɔn ani ku wɔn yiyedi ho no. Wɔn a wɔwɔ ase ne ahonhom a wɔba fam: nkonyaayifo, asumanfo, ne abayifo.

2. Ɔkwan bɛn so na Afrikafo abebusɛm bi kyerɛ sɛ atetesɛm mu gyidi ahorow nya ɔsom so nkɛntɛnso?

2 Saa atetesɛm mu gyidi horow yi anya ɔsom afoforo a wɔwɔ Afrika so nkɛntɛnso kɛse. Afrika abebusɛm bi ka sɛ: “Yɛn gyidi akyi a yedi (sɛ Kristofo anaa Nkramofo) no nsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛsom yɛn kurom abosom.”

3. Ɛhe na yebetumi ahu nokware a ɛfa wɔn a wɔte ahonhom atrae hɔ ho no?

3 Ɔkwan bɛn so na Afrika atetesɛm mu gyidi ahorow no yɛ nokware? Bible no ka nokwasɛm a ɛfa wɔn a wɔte ahonhon atenae hɔ no ho asɛm kyerɛ yɛn.

Yehowa, Nokware Nyankopɔn No

4 Dɛn na ɔsom atitiriw a ɛwɔ Afrikafo no nyinaa gye di?

4 Afrika nyamesom akuw atitiriw abiɛsa no gye tom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na ɔyɛ opumpuni. Bible no ka ne ho asɛm sɛ “anyame mu Onyankopɔn ne awuranom mu Awurade, Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu.” (Deuteronomium 10:17) Nkramofo nso gye di sɛ Onyankopɔn pumpuni biako pɛ na ɔwɔ hɔ. Ɛdefa amammerɛ som a ɛwɔ Afrika ho no, Ɔbenfo Geoffrey Parrinder ka sɛ: “Afrikafo dodow no ara gye di sɛ Onyankopɔn pumpuni bi wɔ hɔ, a ɔyɛ abosom ne nnipa agya, nea ɔbɔɔ amansan no.”

5 Din ahorow a wɔde frɛ Onyankopɔn no bi ne dɛn?

5 Nanso, ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn ho gyidi atrɛw no, nnipa pii adwene mu ntene wɔn wɔ onii a Onyankopɔn yɛ no ho. Ade a edi kan a wɔde hu obi ne sɛ wobehu ne din. Ɛdefa Onyankopɔn din ho no, ɔsom ahorow no adwene atu afra wɔ ho. Kristoman taa frɛ no Onyankopɔn, abodin a ɛkyerɛ “Otumfoɔ.” Nkramofo frɛ no Allah. Wɔ wɔn a wɔsom amammerɛ som fam no, ɛsono edin a kasa ahorow no de frɛ Opumpuni no. John S. Mbiti akyerɛw edin ne abodin ahorow bɛboro 500 a Afrikafo de frɛ Onyankopɔn wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Concepts of God in Africa no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yorubafo (Nigeria) kasa mu no, wɔfrɛ Onyankopɔn Olodumare; Kikuyufo (Kenya) frɛ no Ngai; na Zulufo (South Afrika) frɛ no Unkulunkulu.

6, 7. Dɛn ne Onyankopɔn din, na yɛyɛ dɛn hu?

6 Dɛn na Onyankopɔn ka fa ne din ho? Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ onni Israelfo no anim nkɔ Misraim no, Mose bisaa no sɛ: “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ ‘Mo agyanom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn’ na wobisa me sɛ, ‘Ne din de dɛn?’ a, asɛm bɛn na menka nkyerɛ wɔn?”​—Exodus 3:13.

7 Onyankopɔn buae sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn . . . na asoma me mo nkyɛn.’ Eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.” (Exodus 3:15) Onyankopɔn din yi pue bɛboro mpɛn 7,000 wɔ Bible kyerɛwtohɔ mu, nanso Bible nkyerɛasefo bi de “Onyankopɔn” anaa “Awurade” na asi anan.

8. Yehowa te dɛn, na sɛ yɛpɛ sɛ yenya n’anim dom a dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

8 Yehowa te dɛn ankasa? Ɔyɛ honhom, otumfoɔ, ne onuonyamfo. Ɔyɛ opumpuni a wontumi mfa obiara ntoto ne ho; obiara ne no nsɛ. (Deuteronomium 6:4; Yesaia 44:6) Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me no.” Wɔ ɔkwan foforo so no, nea ɛbɛyɛ na yɛanya Yehowa anim dom no, ɛsɛ sɛ yɛsom ɔno nkutoo. Ɔmpɛ sɛ yɛsom biribiara anaasɛ obiara ka ne ho.​—Exodus 20:3-5.

Yesu Kristo, Onyankopɔn Ahenni so Hene

9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu ne Yehowa nyɛ pɛ?

9 Ɛnnɛ nnipa pii adwene atu afra wɔ onii ko a Yesu yɛ ho. Kristoman mufo pii gye di sɛ Yesu yɛ Baasakoro “Kronkron” no fã. Nanso Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ nnipa baasa a wɔbom biako. Na ɛnkyerɛkyerɛ nso sɛ Yesu ne Yehowa yɛ pɛ. Yesu ankasa kae sɛ: “Agya no yɛ kɛse sen me.”​—Yohane 14:28.

10. Ná ɛhe na na Yesu wɔ ansa na ɔreba asase so?

10 Bible no kyerɛkyerɛ sɛ ansa na Yesu rebɛtra asase so sɛ onipa no, na watra soro sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi. Sɛnea Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa wɔ asase so no, saa ara na Ɔbɔɔ ahonhom wɔ ɔsoro. Yesu ne honhom abɔde a Yehowa dii kan bɔɔ no.​—Yohane 17:5; Kolosefo 1:15.

11. Ɔkwan bɛn so na wɔwoo Yesu sɛ nipa?

11 Bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no, Yehowa yii saa honhom abɔde yi nkwa de hyɛɛ ɔbaabun bi a wɔfrɛ no Maria, awotwaa mu. Ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Wobɛfa yafunu na woawo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu. Na obedi hene na n’ahenni remma awiei.’​—Luka 1:31, 33. *

12. Ade biako a enti Yesu baa asase so ne dɛn?

12 Enti wɔwoo Yesu, onyin bɛyɛɛ ɔbarima mũ, na ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo Yehowa apɛde ne n’atirimpɔw. Ɔka kyerɛɛ Roma amrado bi sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na eyi nti na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Sɛ yesusuw nea Yesu kyerɛkyerɛe ho a, yebetumi asua nokware a ɛfa Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ho. Yebetumi ahu sɛnea yebenya Onyankopɔn anim dom.

13. Ade a ɛto so abien a enti Yesu baa asase so ne dɛn?

13 Ade a ɛto so abien a enti Yesu baa wiase ne sɛ ɔde ne nipadua bɛmae sɛ agyede maa adesamma. (Mateo 20:28) Ɔyɛɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛde yɛn ho afi bɔne a yenya fii yɛn nana Adam hɔ no ho. Na eyi nso bɛma yɛatumi atra ase daa. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Na Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”​—Yohane 3:16.

14. (a) Dɛn na ɛbaa Yesu so wɔ ne wu mu sɛ ɔdesani no akyi? (b) Dɛn ne Yesu gyinabea wɔ soro nnɛ?

14 Yesu wui sɛ onipa akyi no, wonyan no kɔɔ soro na ɛhɔ na ɔsan kɔyɛɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi. (Asomafo no Nnwuma 2:32, 33) Akyiri yi, Yehowa de “tumi ne anuonyam ne ahenni maa no sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa nsom no.” (Daniel 7:13, 14) Wɔama Yesu ayɛ Ɔhene a ɔwɔ tumi; ɔyɛ Yehowa soro aban no so Hene. Ɛrenkyɛ biara ɔbɛda ne tumi adi wɔ asase nyinaa so.

Abɔfo, Onyankopɔn Asomfo

15. Bere bɛn ne ɛhe na wɔbɔɔ abɔfo no?

15 Ɛnyɛ Yehowa ne Yesu nkutoo na wɔte ahonhom atenae hɔ. Yehowa bɔɔ honhom abɔde foforo nso, abɔfo. Gabriel a ɔkasa kyerɛɛ Maria no yɛ wɔn mu biako. Abɔfo no amfi wɔn asetra ase sɛ nnipa wɔ asase so. Wɔbɔɔ wɔn wɔ soro akyiri koraa ansa na wɔrebɔ nnipa wɔ asase so. (Hiob 38:4-7) Abɔfo ɔpepem pii na wɔwɔ hɔ.​—Daniel 7:10.

Abɔfo anokwafo ampɛ sɛ wɔsom wɔn

16. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ nnipa som abɔfo?

16 Abɔfo anokwafo mpɛ sɛ yɛsom wɔn. Bere a ɔsomafo Yohane pɛe sɛ ɔkotow abɔfo bi ne mprenu so no, wɔkaa n’anim sɛ: “Hwɛ yiye! nyɛ saa!  . . . Som Onyankopɔn”​—Adiyisɛm 19:10; 22:8, 9.

17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ abɔfo tumi bɔ Onyankopɔn asomfo ho ban, na dɛn nti na ɛyɛ awerɛkyekye?

17 Abɔfo nyi wɔn ho adi nkyerɛ Nyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so bio sɛnea wɔyɛe bere a woyii Yesu asomafo no fii afiase no. (Asomafo no Nnwuma 5:18, 19) Nanso, sɛ yɛsom Yehowa sɛnea N’asɛm Bible no kyerɛ a, yebetumi anya ahotoso sɛ, Onyankopɔn abɔfo a aniwa ntumi nhu wɔn a wɔwɔ tumi no bɛbɔ yɛn ho ban. Bible ka sɛ: “Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no nyinaa ho nsra, na ogye wɔn.” (Dwom 34:7; 91:11) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi kyekye yɛn werɛ? Efisɛ atamfo a wɔn ho yɛ hu wɔ ahonhom atenae hɔ a wɔpɛ sɛ wɔsɛe yɛn!

Satan, Onyankopɔn Tamfo

18. (a) Dɛn nti na ɔbɔfo biako bi tew atua tiaa Onyankopɔn? (b) Din ahorow bɛn na wɔde maa ɔbɔfo tuatewfo yi?

18 Ɛnyɛ Onyankopɔn abɔfo no nyinaa na wodii Onyankopɔn nokware. Ebinom tew atua tiaa no. Wɔbɛyɛɛ wɔn ho Onyankopɔn ne nnipa a wɔwɔ asase so atamfo. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Na abɔfo a Yehowa bɔɔ wɔn no nyinaa yɛ treneefo a wodi asɛmpa. Nanso, honhon mma a wɔyɛ pɛ yi mu biako pɛe sɛ nnipa som no na odii ne nsusuw bɔne no akyi. Wɔtoo saa honhom abɔde no din Satan, a ɛkyerɛ “Nea Ɔsɔre tia [Onyankopɔn].” Wɔsan nso frɛ no Ɔbonsam, a ɛkyerɛ “Otwirifo,” esiane sɛ ɔka atoro a enye fa Yehowa ho nti.

19. Dɛn nti ne ɔkwan bɛn so na Satan yɛɛ Hiob ayayade?

19 Satan hyɛ nnipa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka ne ho wɔ atua a ɔtew tia Onyankopɔn no mu. Susuw nea ɔde yɛɛ Onyankopɔn somfo nokwafo Hiob no ho hwɛ. Na Hiob yɛ ɔdefo. Na ɔwɔ nguan 7,000, yoma 3,000, anantwi ne anantwinini 1,000 ne mfurum 500. Na ɔwɔ mma du ne nkoa pii nso. Nea edi kan no, Satan kunkum Hiob mmoa ne ne nkoa no. Nea edi hɔ no, ɔmaa “mframa kɛse bi” bubuu dan kunkum Hiob mma no nyinaa. Ɛno akyi no, Satan yɛɛ Hiob ayayade de “mpɔmpɔ yayaayaw kɔbobɔɔ Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam”​—Hiob 1:3-19; 2:7

20. (a) Ɔkwan bɛn so na wotuaa Hiob nokwaredi no so ka? (b) Ɛwom sɛ Hiob dii Onyankopɔn nokware de, nanso dɛn na Satan ayɛ nnipa foforo pii?

20 Ɛmfa ho ɔsɔretia a emu yɛ den yi no, Hiob kɔɔ so dii Onyankopɔn nokware. Enti Yehowa saa no yare na ɔde “nea ɛyɛ Hiob de nyinaa bɔɔ ho abien maa no” (Hiob 42:10) Satan antumi amma Hiob annyae ne mudi mu, nanso watumi ama afoforo pii adan wɔn ho afi Onyankopɔn ho. Bible no ka sɛ: “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.”​—1 Yohane 5:19.

21. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan daa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ wɔsom no no adi? (b) Dɛn nti na Yesu ansom Satan?

21 Satan pɛ sɛ yɛsom no. Eyi daa adi pefee wɔ sɔhwɛ a ɔde baa Yesu so bɛyɛ mfe 2,000 a abɛsen kɔ no mu. Bible no ka sɛ: “Ɔbonsam san de no kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɛ wobɔ wo mu ase som me a, mede eyinom nyinaa bɛma wo.’” Ɛnna Yesu see no sɛ: “Fi me so kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.’” (Mateo 4:8-10) Ná Yesu nim Yehowa mmara yiye, na wanyɛ nea Satan pɛe sɛ ɔyɛ no.

Adaemone, Ahonhommɔne

22. Dɛn na adaemone de ayɛ nnipa?

22 Abɔfo afoforo kɔkaa Satan ho wɔ atua a wɔtew tia Onyankopɔn no mu. Saa adaemone abɔfo yi yɛ nnipa atamfo wɔ asase so. Wɔn tirim yɛ den na wodi nsɛmmɔne. Mmere bi a atwam no, wɔmaa nnipa bi yɛɛ mum ne anifuraefo. (Mateo 9:32, 33; 12:22) Wɔmaa afoforo nso yaree anaasɛ wɔmaa ebinom bobɔɔ dam. (Mateo 17:15, 18; Marko 5:2-5) Wɔyɛɛ mmofra mpo ayayade.​—Luka 9:42.

23. (a) Dɛn na ahonhommɔne hwehwɛ fi nnipa nkyɛn? (b) Dɛn na Satan ne adaemone no adaadaa nnipa ma wɔyɛ?

23 Te sɛ Satan no, saa ahonhommɔne yi pɛ sɛ wɔsom wɔn. Sɛ anka wɔbɛpo ɔsom a efi nnipa—bere a wonim sɛ Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no—no, wɔn kɔn dɔe, wɔhwehwɛe, na wɔhyɛɛ ho nkuran. Satan ne adaemone no nam nnaadaa, atoro, ne ehu so ama nnipa som wɔn. Nokwarem no, nnipa pii nnim sɛ wɔresom Satan ne n’adaemone no. Ɛbɛyɛ nnipa pii nwonwa sɛ wobehu sɛ wɔn som no hyɛ Satan anuonyam. Na Bible nso bɔ kɔkɔ sɛ: “Afɔre a amanaman no bɔ no, wɔbɔ ma adaemone, na ɛnyɛ Onyankopɔn.”​—1 Korintofo 10:20.

24. Dɛn ne ɔkwan biako a Satan nam so daadaa nnipa?

24 Ɔkwan biako a Satan ne n’adaemone no nam so daadaa nkurɔfo ma wɔsom wɔn ne sɛ wɔtrɛw atosɛm a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho mu. Ma yɛnhwɛ nea Bible no kyerɛkyerɛ fa eyi ho.

^ nky. 11 Koran no ka anwonwakwan a wɔnam so woo Yesu no ho asɛm wɔ Surah 19 (Maria). Ɛka sɛ: “Yɛde Yɛn honhom a ɛne ɔbarima a wawie nyin de di nsɛ no kɔmaa [Maria] Na bere a ohuu ɔbɔfo no ɔkae sɛ: ‘Ma Mmɔborohunufo no mmɔ me ho ban mfi wo nsam! Sɛ wusuro Awurade a, gyaw me hɔ na kɔ wo kwan.’ Obuae sɛ, ‘Meyɛ wo Wura somafo, na maba sɛ mede ɔba kronkron rebrɛ wo.’ Ɔbea no buae sɛ, ‘mɛyɛ dɛn awo ba, bere a meyɛ ɔbaabun yi a ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa me no?’ Ɔbɔfo no buae sɛ, ‘Ɛno yɛ Awurade pɛ.’ ‘Ɛnyɛ No den. “Ɔbɛyɛ sɛnkyerɛnne ama adesamma, ne nhyira ama Yɛn ankasa. Eyi ne Yɛn ahyɛde Awurade na ose.”’”