Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFA 6

Onyankopɔn Gye Ɔsom Ahorow Nyinaa Tom Anaa?

Onyankopɔn Gye Ɔsom Ahorow Nyinaa Tom Anaa?

1. Sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, ɔsom ahorow abien pɛ bɛn na ɛwɔ hɔ?

YESU kae sɛ: “Momfa ɔpon teateaa no mu; efisɛ ɔkwan a ɛsõ na ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu, na nnipa bebree na wɔnam so rekɔ mu; nanso ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.” (Mateo 7:13, 14) Sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, ɔsom ahorow abien pɛ na ɛwɔ hɔ: biako yɛ nokware, biako yɛ atoro; biako yɛ papa, biako yɛ bɔne; nea ɛkɔ nkwa mu, nea ɛkɔ ɔsɛe mu.

2. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔsom ahorow nyinaa na ɛsɔ Onyankopɔn ani?

2 Nnipa binom susuw sɛ ɔsom ahorow nyinaa sɔ Onyankopɔn ani. Bible mu nsɛm a edidi so yi kyerɛ sɛ eyi nyɛ nokware:

  • “Israelfo no fii ase yɛɛ bɔne bio wɔ Yehowa ani so, na wɔsom Baal ne Astoret ahoni ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Ammonfo anyame ne Filistifo anyame. Enti wɔpoo Yehowa na wɔansom no. Na Yehowa bo fuw Israel denneennen.” (Atemmufo 10:6, 7) Sɛ yɛsom abosom anaa anyame foforo biara na yɛansom nokware Nyankopɔn no a, yɛrennya Yehowa anim dom.

  • “Ɔman yi de wɔn ano na edi me [Onyankopɔn] ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Wɔsom me kwa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde.” (Marko 7:6, 7) Sɛ nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no kyerɛkyerɛ wɔn ankasa nsɛm sen sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nea Bible no kyerɛkyerɛ a, wɔn som no yɛ ɔkwa. Onyankopɔn mpene so.

  • “Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Ɛsɛ sɛ yɛn som ne nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia.

Atoro Som Aba a Ɛsow

3. Dɛn ne ɔkwan biako a wotumi fa so hu ɔsom a ɛyɛ nokware ne nea ɛyɛ atoro?

3 Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ɔsom bi sɔ Onyankopɔn ani anaasɛ ɛnsɔ n’ani? Yesu kae sɛ: “Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne biara sow aba bɔne . . . Ne saa nti, wɔn aba na mode behu wɔn.” Ɔkwan foforo so no, sɛ ɔsom bi fi Nyankopɔn a, ɛbɛsow aba pa; na sɛ ɔsom bi fi Satan a, ɛbɛsow aba bɔne.—Mateo 7:15-20.

4. Su bɛn na Yehowa asomfo da no adi?

4 Nokware som ma wonya nnipa a wɔdɔ wɔn ho wɔn ho na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo. Eyi te saa efisɛ Yehowa ankasa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” Ɔkwan bɛn so na ɔsom ahorow betumi adu nokware som gyinapɛn yi ho?—Yohane 13:35; Luka 10:27; 1 Yohane 4:8.

5. Ɔkwan bɛn so na nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm bi kyerɛkyerɛ Afrika nkoatɔ ho asɛm mu?

5 Susuw Afrika nkoatɔ no ho hwɛ. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Wɔde Afrikafo a wɔn dodow bɛyɛ 18,000,000 kɔɔ Nkramofo Sahara anhweatam so ne India Po no akyi kɔtɔn wɔn wɔ 650 ne 1905 mfe no mu. Wɔ afeha a ɛto so 15 fã a etwa to mu no, Europafo fii ase tɔɔ nkoa wɔ Afrika atɔe fam mpoano, na eduu 1867 mu no, na wɔde po so hyɛn afa Afrikafo bɛyɛ 7,000,000 ne 10,000,000 sɛ nkoa kɔ nea na wɔfrɛ no Wiase Foforo no mu.”

6. Ɔkwan bɛn so na nyamesom de ne ho hyɛɛ nkoatɔ mu?

6 Saa bere yi a na Afrika ayɛ basabasa a na wɔtew mmarima, mmea, ne mmofra fi wɔn mmusua ho, gu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de nnade a ɛyɛ hyew hyehyɛɛ wɔn nsow, na wɔtɔ wɔn tɔn wɔn sɛ anantwi no, dɛn na nyamesom yɛe wɔ ho? Bethwell Ogot kyerɛw wɔ Kenyafo Daily Nation no mu sɛ: “Kristofo ne Nkramofo nyinaa gye biako a nnipa nyinaa yɛ ho nkyerɛkyerɛ di, nanso wɔn nyinaa hwɛ maa nkoatɔ ne mmusua ho adwemmɔne kɔɔ so. . . . Ɛsɛ sɛ yegye fɔ a Nkramofo ne Kristofo dii, ne nea Atɔe fam aman ne Mediterranea Supɔw no dii, ne ani a wobu guu nkoatɔ so wɔ Afrika mfehaha pii ma wohuu amane no tom.”

Nyamesom ne Akodi

7. Afã bɛn na nyamesom akannifo anya wɔ akodi mu?

7 Atoro som ada n’aba a aporɔw no adi wɔ akwan foforo so. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka sɛ “dɔ wo yɔnko,” nanso nyamesom akannifo a wɔwɔ wiase nyinaa agyina akodi akyi denneennen.—Mateo 22:39.

Atoro som de ne ho ahyɛ akodi ne nkoatɔ mu

8. (a) Ɔkwan bɛn so na nyamesom akannifo hyɛɛ okum a ɛkɔɔ so wɔ Afrika ntawntawdi mu ho nkuran? (b) Dɛn na ɔsɔfo bi ka faa nyamesom akannifo ho wɔ Nigeria amanko no mu?

8 Ɛyɛ ade a wonim no yiye sɛ wɔ 1994 mu no, mmea nkokorafo ne asɔfo bi de wɔn ho hyɛɛ nnipakum a ɛkɔɔ so wɔ Rwanda no mu. Nyamesom adi akoten wɔ akodi ahorow a ɛkɔ so wɔ Afrikafo mu no mu. Sɛ nhwɛso no, mogyahwiegu a ɛkɔɔ so wɔ amanko a esii Nigeria mu no, nyamesomfo a wɔwɔ afanu no nyinaa hyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnko. Bere a saa ɔko no rekɔ so no, ɔsɔfo bi kae sɛ asɔre akannifo de “adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔ nsa no ato nkyɛn.” Ɔsan kae bio sɛ: “Yɛn a yɛfrɛ yɛn ho sɛ Onyankopɔn asomfo no abɛdan Satan asomfo.”

9. Dɛn na Bible ka fa Satan asomfo ho?

9 Bible no ka pii fa saa asɛm koro no ara ho: “Satan mpo kɔ so ara dan ne ho hann bɔfo. Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho trenee asomfo a, ɛnyɛ ade kɛse biara.” (2 Korintofo 11:14, 15) Sɛnea nnipa bɔne pii yɛ wɔn ho sɛ nnipa papa no, Satan de asomfo a wɔyɛ wɔn ho atreneefo nanso wɔn nnwuma yɛ bɔne daadaa nkurɔfo.

10. Ɔkwan bɛn so na nyamesom akannifo apa Onyankopɔn?

10 Nyamesom akannifo aka ɔdɔ, asomdwoe, ne papayɛ ho asɛm afa wiase nyinaa, nanso wɔde wɔn ho hyɛ ɔtan, akodi, ne amumɔyɛsɛm mu. Bible no ka wɔn ho asɛm ma ɛfata sɛ: “Wɔpae mu ka wɔ baguam sɛ wonim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.”—Tito 1:16.

Mumfi “Babilon Kɛse” no Mu

11. Ɔkwan bɛn so na Bible ka atoro som ho asɛm?

11 Sɛ yɛkenkan Adiyisɛm nhoma a ɛwɔ Bible no mu no a, yebetumi ahu nea Yehowa susuw wɔ atoro som ho. Ɛhɔ no, wɔka atoro som ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so sɛ ɔbea, “Babilon Kɛse.” (Adiyisɛm 17:5) Hyɛ sɛnea Onyankopɔn kaa ne ho asɛm no nsow:

  • “Aguaman kɛse . . . ɔno na asase so ahene ne no abɔ aguaman.” (Adiyisɛm 17:1, 2) Sɛ anka atoro som bedi Onyankopɔn nokware no, ɛde ne ho ahyɛ amammuisɛm mu, na mpɛn pii no ɛkyerɛ nniso ahorow nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

  • “Ne mu na wohuu adiyifo ne akronkronfo ne wɔn a wɔakunkum wɔn asase so nyinaa mogya.” (Adiyisɛm 18:24) Atoro som ataa Onyankopɔn asomfo anokwafo akum wɔn na nnipa mpempem pii a wɔawuwu wɔ akodi mu ho asodi abɛda wɔn so.

  • ‘Ɔhyɛɛ ne ho anuonyam na odii taamu.’ (Adiyisɛm 18:7) Atoro som wɔ ahonyade kɛse, na ɛma n’akannifo no di taamu.

  • ‘Ɔnam ahonhonsɛm so daadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 18:23) Atoro som nam n’atoro nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔkra no nwu da so abue hokwan ama ahonhonsɛmdi ne abayisɛm ahorow nyinaa bi, na wɔahyɛ awufo ho suro ne nananom a wɔawuwu som ho nkuran.

12. Kɔkɔbɔ bɛn na Bible no de ma wɔ atoro som ho?

12 Bible no bɔ nnipa nyinaa kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi atoro som ho, na ɛka sɛ: “Mumfi ne mu, me man, sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa na munya ne haw no bi a.”—Adiyisɛm 18:4, 5.

13. Dɛn na ɛbɛba atoro som ne wɔn a wɔde wɔn ho hyem no so?

13 Ɛrenkyɛ koraa, wɔbɛsɛe Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no pasaa. Bible no ka sɛ: “Enti na da koro pɛ ne haw bɛba no, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee, efisɛ Yehowa Nyankopɔn a obuu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.” (Adiyisɛm 18:8) Nea ɛbɛyɛ a yɛrennya ne haw no bi no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nkitahodi biara a yɛne atoro som wɔ no ho, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ ne nneyɛe, amanne ne gyidi ahorow a Onyankopɔn ani nnye ho mu. Asɛm no yɛ aniberesɛm. Yɛn nkwa gyina so!—2 Korintofo 6:14-18.