Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFA 1

So Ɔsom Nyinaa Kyerɛkyerɛ Nokware No?

So Ɔsom Nyinaa Kyerɛkyerɛ Nokware No?

1. Ɔsom ahorow a nkurɔfo de wɔn ho hyɛ mu wɔ Afrika no bi ne dɛn?

ƐKAME ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ Afrika gye tom sɛ ehia sɛ ɔsom Nyankopɔn. Nanso, dodow no ara adwene nhyia wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so som no no ho. Ebinom som wɔ nkramodan mu, na afoforo nso kɔ abosomfie. Na ebinom nso kɔ asɔre. Nanso ɛbɛyɛ mfomso sɛ obi besusuw sɛ ɔsom ahorow abiɛsa pɛ na ɛwɔ Afrika. Nkramofo wɔ mmara ne gyidi ahorow. Nananom som gu ahorow wɔ mmeae pii. Wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo asɔre ahorow mu mpo no, mpaapaemu pii wom. Kristoman asɔre atitiriw no akyi no, asɔre nketenkete mpempem pii wɔ Afrika nyinaa.

Ɛsɛ sɛ Yɛn Som Gyina Nokware no So

2. (a) Dɛn na ɛtaa ma obi de ne ho hyɛ ɔsom bi mu? (b) Dɛn na ɛnkyerɛ sɛ yɛn som sɔ Onyankopɔn ani?

2 Dɛn nti na nkurɔfo fa akwan a ɛte saa so som? Nnipa dodow no ara gye wɔn awofo som tom. Nsɛm bi a esisii tete no nso nya ɔsom a nkurɔfo de wɔn ho hyɛ mu so nkɛntɛnso nnɛ. The Africans—A Triple Heritage nhoma no ka sɛ: “Nkramosom nam akodi mu nkonim a edii so trɛw wɔ Sahara atifi fam nyinaa, . . . Kristosom nso nam ɔkwan koro no ara so trɛw faa Sahara anafo fam nyinaa. Sɛ Nkramosom nam afoa so na ɛtrɛw faa Sahara atifi fam a, saa ara na Kristosom nam tuo so trɛw faa anafo fam.” Ne nyinaa akyi no, yɛn mu pii gye di sɛ yɛn som sɔ Onyankopɔn ani. Nanso yentumi nka sɛ yɛn som yɛ nokware esiane sɛ yɛn awofo wom anaa esiane sɛ ɔman foforo bi hyɛɛ yɛn nananom sɛ wɔnsom nti.

3-5. Mfatoho bɛn na ɛboa yɛn ma yehu sɛ ɛnyɛ ɔsom ahorow nyinaa na wɔkyerɛkyerɛ nokware no?

3 Ɛmfa ho sɛ ɔsom nyinaa kyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn som ho akwankyerɛ pa ma no, ɛsono adwene a emu biara kura. Wɔkyerɛkyerɛ nneɛma pii fa onii a Onyankopɔn yɛ ne nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ no ho. Susuw eyi ho hwɛ: Fa no sɛ woanya adwuma wɔ adwumakuw kɛse bi mu. Da a edi kan a wokɔɔ adwuma no wuhui sɛ adwumawura no kɔ ahomegye. Enti wubisaa adwumayɛfo baasa nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Odwumayɛni a odi kan no ka kyerɛɛ wo sɛ adwumawura no pɛ sɛ wopra fam hɔ. Nea ɔto so abien no ka kyerɛɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ woka dan no ho. Nea ɔto so abiɛsa no ka kyerɛɛ wo sɛ kyekyɛ amenade no.

4 Nea edi hɔ no, wubisaa adwumawura no ase fii adwumayɛfo no nkyɛn. Nea odi kan no kae sɛ adwumawura no yɛ onipa tenten a onnyinii, na ɔyɛ katee. Nea ɔto so abien no kae sɛ ɔyɛ onipa tiatiaa, wanyin, na ne yam ye. Nea ɔto so abiɛsa no ka kyerɛɛ wo sɛ adwumawura no nyɛ ɔbarima mpo—ɔyɛ ɔbea. Ɛda adi sɛ, nea wobɛka ara ne sɛ adwumayɛfo baasa no nyinaa nka nokware. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ adwuma foforo a wo nsa aka no a, w’ankasa wobɛyɛ nhwehwɛmu ahu onii ko a adwumawura no yɛ ne nea ɔpɛ sɛ woyɛ.

5 Saa ara na ɔsom nso te. Esiane sɛ onii a Onyankopɔn yɛ ne nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ ho adwene yɛ pii nti, ehia sɛ yɛhwɛ hu sɛ ɔkwan a yɛfa so som no no ne nokware no hyia. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu nokware a ɛfa Nyankopɔn ho no?