Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Amanneɛbɔ ma Nhyiamfo

Amanneɛbɔ ma Nhyiamfo

NHYIAM ATITIRIW

BETEL SOM ADWUMA Fida awia wɔbɛyɛ nhyiam ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Betel no, enti obiara a wabɔ asu na ɔte ɔman yi mu ɔkwampa so a onni mmoroo mfe 35 na n’ani gye Betel som adwuma ho no betumi ayɛ nhyehyɛe akɔ bi. Wobedi kan de beae ne bere a wɔbɛyɛ nhyiam yi ho amanneɛbɔ ama.

AHENNI ASƐMPAKAFO SUKUU Sɛ woyɛ ɔkwampaefo a woadi fi mfe 23 kosi 65, na w’ani gye ho sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma mu a, wubetumi akɔ nhyiam a Kwasida awia wɔbɛyɛ ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi. Wobedi kan de beae ne bere a wɔbɛyɛ nhyiam yi ho amanneɛbɔ ama.

AMANNEƐBƆ MA NHYIAMFO

ATTENDANT Wɔn a wɔyɛ attendant no adwuma ne sɛ wɔbɛboa wo. Wɔn na wɔkyerɛ baabi a yɛde yɛn kar besi, baabi a nnipa mfa ne sɛnea yebegyaw kwan ato hɔ ama obi. Enti sɛ wɔde wei ho akwankyerɛ ne akwankyerɛ foforo biara ma wo a, yɛsrɛ wo tie.

ASUBƆ Wobegyaw anim hɔ nkongua no bi ama wɔn a wobegye asubɔ no, gye sɛ tebea no mma kwan saa. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛbɔ asu no nyinaa tena ase ansa na asubɔ kasa no afi ase Memeneda anɔpa. Ɛsɛ sɛ obiara de n’ankasa mpopaho ne asubɔ atade a ɛfata ba.

NTOBOA AHOROW Wɔatua sika ayɛ nhyehyɛe pii na ama yɛanya nkongua dodow a ɛsɛ, akasam, video mfiri, ne nneɛma foforo pii. Wei nyinaa ma nhyiam no yɛ anigye na ɛboa yɛn ma yɛbɛn Yehowa kɛse. Ntoboa a mufi mo pɛ mu yi no, ɛno na ɛboa ma yetua aka yi, na ɛboa adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no nso. Yɛde nnaka a yɛakyerɛw ho asisi nhyiam yi ase baabiara na ayɛ mmerɛw ama mo sɛ mubeyi ntoboa. Yɛn ani sɔ mo ntoboa no paa. Akwankyerɛ Kuw no da mo ase sɛ mufi mo komam yi ntoboa de boa Ahenni nneɛma.

ADUGYEBEA Yɛsrɛ wo, kae sɛ obi a ɔbɛyare MPOFIRIM NKUTOO na wɔhwɛ no wɔ hɔ.

BEAE A WƆDE NNEƐMA A AYERA KƆ Sɛ obi hu biribi a ayera a, ɛsɛ sɛ ɔde kɔ saa dwumadibea yi. Sɛ wo biribi yera a, kɔ hɔ kɔhwehwɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde mmofra a wɔayera kɔ saa dwumadibea yi. Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɛhɔ yɛ beae a wɔhwɛ mmofra so. Yɛsrɛ wo, hwɛ wo mma yiye na wɔamfi wo nkyɛn.

BAABI A YƐBƐTENA Yɛsrɛ wo, dwen afoforo ho. Kae sɛ w’abusuafo ne wɔn a wo ne wɔn bɛfa kar baako anaasɛ wɔn a wo ne wɔn te fie anaa wo Bible asuafo nkutoo na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn. Sɛ ɛnyɛ kwan na woregya ama obi a, yɛsrɛ wo, mfa nneɛma ngugu nkongua no so.

ATUHOAMA ADWUMA Sɛ wopɛ sɛ wutu wo ho ma yɛ adwuma wɔ nhyiam no ase a, yɛsrɛ wo, kɔ saa dwumadibea yi.

Akwankyerɛ Kuw no na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe