Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

2017 Asɛnka Adwuma Akontaabu

2017 Asɛnka Adwuma Akontaabu
  • Yehowa Adansefo Baa Dwumadibea Ahorow: 90

  • Aman a Wobuu Akontaa No Dodow: 240

  • Asafo Dodow: 120,053

  • Nnipa a Wɔbaa Nkaedi No Ase Wɔ Wiase Nyinaa: 20,175,477

  • Wɔn a Wodii Nkaedi Paanoo No Na Wɔnom Bobesa No Bi Wɔ Wiase Nyinaa: 18,564

  • Adawurubɔfo * Dodow a Ɛsen Biara: 8,457,107

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Adawurubɔfo a Wɔkaa Asɛm No Bosome Biara: 8,248,982

  • Wode Toto 2016 Ho a, Yenyaa Nkɔanim Ɔha Mu Nkyekyɛm: 1.4

  • Nnipa Dodow a Wɔbɔɔ Asu *: 284,212

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Akwampaefo * a Wɔkaa Asɛm No Bosome Biara: 1,249,946

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Adawurubɔfo a Wɔyɛɛ Akwampaefo Aboafo Bosome Biara: 439,571

  • Nnɔnhwerew Dodow a Yɛde Kaa Asɛm No: 2,046,000,202

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Bible Adesua * a Yɛyɛɛ No Bosome Biara: 10,071,524

Afe 2017 ɔsom afe * no mu no, Yehowa Adansefo de sika bɛboro dɔla ɔpepem 202 na ɛhwɛɛ akwampaefo atitiriw, asɛmpatrɛwfo, ne amansin so ahwɛfo wɔ asɛnka adwuma a wɔyɛe no mu. Nnipa 19,730 na wɔatu wɔn ho ama resom wɔ Betel afie wɔ wiase nyinaa. Wɔn nyinaa ka Yehowa Adansefo a Wɔyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma Titiriw Wɔ Wiase Nyinaa no ho.

^ nky. 7 Ɔdawurubɔfo yɛ obi a ɔyere ne ho ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. (Mateo 24:14) Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea yɛkan adawurubɔfo dodow no mu nkyerɛkyerɛmu nyinaa a, hwɛ asɛm a yɛato din “Yehowa Adansefo Dodow Sɛn Na Ɛwɔ Wiase Nyinaa?” a ɛwɔ jw.org/tw no.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ nneɛma a obi bɛyɛ na ama wɔabɔ no asu sɛ Yehowa Danseni ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din “Mɛyɛ Dɛn Abɛyɛ Yehowa Danseni?” a ɛwɔ jw.org/tw no.

^ nky. 11 Ɔkwampaefo ne Yehowa Danseni a wɔabɔ asu a ɔyɛ nhwɛso pa, na wɔatu ne ho asi hɔ sɛ ɔde dɔnhwerew dodow bi bɛka asɛmpa no bosome biara.

^ nky. 14 Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛwɔ jw.org/tw a yɛato din “Dɛn Ne Bible Adesua?

^ nky. 15 Afe 2017 ɔsom afe no hyɛɛ ase fii September 1, 2016, na ewiee August 31, 2017.