Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

2019 Wiase Nyinaa Akontaabu

2019 Wiase Nyinaa Akontaabu
  • Yehowa Adansefo Baa Dwumadibea Ahorow: 87

  • Aman a Wobuu Akontaa No Dodow: 240

  • Asafo Dodow: 119,712

  • Nnipa a Wɔbaa Nkaedi No Ase Wɔ Wiase Nyinaa: 20,919,041

  • Wɔn a Wodii Nkaedi Paanoo No Na Wɔnom Bobesa No Bi Wɔ Wiase Nyinaa: 20,526

  • Adawurubɔfo * Dodow a Ɛsen Biara: 8,683,117

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Adawurubɔfo a Wɔkaa Asɛm No Bosome Biara: 8,471,008

  • Wode Toto 2018 Ho a, Yenyaa Nkɔanim Ɔha Mu Nkyekyɛm: 1.3

  • Nnipa Dodow a Wɔbɔɔ Asu *: 303,866

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Akwampaefo * a Wɔkaa Asɛm No Bosome Biara: 1,277,738

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Akwampaefo Aboafo a Wɔkaa Asɛm No Bosome Biara: 464,980

  • Nnɔnhwerew Dodow a Yɛde Kaa Asɛm No: 2,088,560,437

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Bible Adesua * a Yɛyɛɛ No Bosome Biara: 9,618,182

Afe 2019 ɔsom afe * no mu no, Yehowa Adansefo de sika bɛboro dɔla ɔpepem 224 na ɛhwɛɛ akwampaefo atitiriw, asɛmpatrɛwfo, ne amansin so ahwɛfo wɔ asɛnka adwuma a wɔyɛe no mu. Nnipa 20,858 na wɔatu wɔn ho ama resom wɔ Betel afie wɔ wiase nyinaa. Wɔn nyinaa ka Yehowa Adansefo a Wɔyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma Titiriw Wɔ Wiase Nyinaa no ho.

^ nky. 7 Ɔdawurubɔfo yɛ obi a ɔyere ne ho ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. (Mateo 24:14) Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea yɛkan adawurubɔfo dodow no mu nkyerɛkyerɛmu nyinaa a, hwɛ asɛm a yɛato din “Yehowa Adansefo Dodow Sɛn Na Ɛwɔ Wiase Nyinaa?” a ɛwɔ jw.org/tw no.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nneɛma a ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wɔabɔ no asu sɛ Yehowa Danseni a, wubehu ho nsɛm pii wɔ ɔfã a yɛato din “Mɛyɛ Dɛn Abɛyɛ Yehowa Danseni?” a ɛwɔ jw.org/tw no.

^ nky. 11 Ɔkwampaefo yɛ Yehowa Danseni a wabɔ asu a ɔyɛ nhwɛso pa, na watu ne ho asi hɔ sɛ ɔde nnɔnhwerew dodow bi bɛka asɛmpa no bosome biara.

^ nky. 14 Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛwɔ jw.org/tw a yɛato din “Dɛn Ne Bible Adesua?

^ nky. 15 Afe 2019 ɔsom afe no hyɛɛ ase fii September 1, 2018, na ɛbaa awiei August 31, 2019.