Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow

Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow

ASUBƆ Memeneda anɔpa dwumadi no ba awiei a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no betumi ayɛ saa. Mpanyimfo a wɔwɔ w’asafo mu ahwɛ sɛnea tebea no te wɔ mo hɔnom ayɛ ɛho nhyehyɛe.

NTOBOA Wɔakyerɛ nhyiam yi ase kɔ kasa bɛboro 400 mu. Ntoboa a mufi mo pɛ mu yi no, ɛno na ɛboa ma yɛyɛ adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no. Wubetumi afa yɛn wɛbsaet a ɛne donate.pr418.com so ayi ntoboa. Yɛn ani sɔ mo ntoboa no paa. Akwankyerɛ Kuw no da mo ase sɛ mufi mo komam yi ntoboa de boa Ahenni adwuma no.

AHENNI ASƐMPAKAFO SUKUU Sɛ woyɛ ɔkwampaefo a woadi fi mfe 23 kosi 65, na w’ani gye ho sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma mu a, wubetumi ahu w’asafo mu ɔkyerɛwfo no, na woahyehyɛ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu fɔɔm no bi wɔ Intanɛt so.

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no na wɔyɛɛ ɛho nhyehyɛe

© 2021 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania