Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afe 2022 Wiase Nyinaa Akontaabu

Afe 2022 Wiase Nyinaa Akontaabu
  • Yehowa Adansefo Baa Dwumadibea Ahorow: 86

  • Aman a Wobuu Akontaa No Dodow: 239

  • Nsafo Dodow: 117,960

  • Nnipa a Wɔbaa Nkaedi No Ase Wɔ Wiase Nyinaa: 19,721,672

  • Wɔn a Wɔdii Nkaedi Paanoo No Na Wɔnom Bobesa No Bi Wɔ Wiase Nyinaa: 21,150

  • Adawurubɔfo a Dodow a Ɛsen Biara: 8,699,048

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Adawurubɔfo a Wɔkaa Asɛm No Bosome Biara: 8,514,983

  • Wode Toto 2021 Ho a, Yenyaa Nkɔanim Ɔha Mu Nkyekyɛm: 0.4

  • Nnipa Dodow a Wɔbɔɔ Asu b: 145,552

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Akwampaefo c a Wɔkaa Asɛm No Bosome Biara: 1,489,252

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Akwampaefo Aboafo a Wɔkaa Asɛm No Bosome Biara: 381,310

  • Nnɔnhwerew Dodow a Yɛde Kaa Asɛm No: 1,501,797,703

  • Wɔkyekyɛm Pɛpɛɛpɛ a Bible Adesua d a Yɛyɛɛ No Bosome Biara: 5,666,996

Afe 2022 ɔsom afe e no mu no, Yehowa Adansefo de sika bɛboro dɔla ɔpepem 242 na ɛhwɛɛ akwampaefo atitiriw, asɛmpatrɛwfo, ne amansin so ahwɛfo wɔ asɛnka adwuma a wɔyɛe no mu. Nnipa 21,629 na wɔatu wɔn ho ama resom wɔ Betel afie wɔ wiase nyinaa. Wɔn nyinaa ka Yehowa Adansefo a Wɔyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma Titiriw Wɔ Wiase Nyinaa no ho.

a Ɔdawurubɔfo yɛ obi a ɔyere ne ho ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. (Mateo 24:​14) Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea yɛkan adawurubɔfo dodow no mu nkyerɛkyerɛmu nyinaa a, hwɛ asɛm a yɛato din “Yehowa Adansefo Dodow Sɛn Na Ɛwɔ Wiase Nyinaa?” a ɛwɔ jw.org/tw no.

b Sɛ wopɛ sɛ wuhu nneɛma a ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wɔabɔ no asu sɛ Yehowa Danseni a, wubehu ho nsɛm pii wɔ ɔfã a yɛato din “Mɛyɛ Dɛn Abɛyɛ Yehowa Danseni?” a ɛwɔ jw.org/tw no.

c Ɔkwampaefo yɛ Yehowa Danseni a wabɔ asu a ɔyɛ nhwɛso pa, na watu ne ho asi hɔ sɛ ɔde nnɔnhwerew dodow bi bɛka asɛmpa no bosome biara.

d Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛwɔ jw.org/tw a yɛato din “Sɛn Na Yehowa Adansefo Ne Nkurɔfo Sua Bible?

e Afe 2022 ɔsom afe no hyɛɛ ase fii September 1, 2021, na ɛbaa awiei August 31, 2022.