Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?

Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?

Bible nsɛmmisa 20 a ɛho hia bi wɔ hɔ a wobɛtumi anya ho mmuaeɛ.

ASƐMMISA 1

Hena Ne Onyankopɔn?

Ɔsom dodow no ara kyerɛkyerɛ sɛ obiara ntumi nkyerɛ sɛnea Onyankopɔn te; ebi nso se ɔyɛ tumi bi, nanso Bible ma yɛhu sɛ ɛnte saa koraa.

ASƐMMISA 2

Wobɛyɛ Dɛn Asua Onyankopɔn Ho Ade?

Sɛ wokenkan Bible no kɛkɛ a, ɛno ara dɔɔso anaa?

ASƐMMISA 3

Bible no, Hena na Ɔkyerɛwee?

Bible yɛ nnipa nyansa anaa emu nsɛm boro nnipa nyansa so?

ASƐMMISA 4

Bible Mu Nsɛm ne Nyansahu Hyia?

Sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ ampa a, ɛnde ɛsɛ sɛ emu nsɛm ne nyansahu hyia.

ASƐMMISA 5

Asɛm Bɛn na Ɛwɔ Bible Mu?

Bible mu nsɛm 10 bi ma yɛhu asɛmti a ɛda Bible no so.

ASƐMMISA 6

Dɛn na Bible Ka Faa Mesia no Ho?

Nkɔmhyɛ pii a ɛbaa mu wɔ Yesu so no, pii wɔ hɔ a na ɔno ara rentumi nyɛ ho hwee.

ASƐMMISA 7

Dɛn na Bible Ka Fa Mmere a Yɛwɔ Mu Yi Ho?

Akokoakoko, aduankɔm, basabasayɛ, ne ɔbraseɛ abu so paa. Dɛn na ɛkyerɛ?

ASƐMMISA 8

Nnipa Amanehunu, Efi Onyankopɔn Anaa?

Ɔde amanehunu resɔ yɛn ahwɛ anaa?

ASƐMMISA 9

Adɛn Nti na Nnipa Hu Amane?

Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane a, ɛnde ɛyɛ hena?

ASƐMMISA 10

Dɛn na Bible Ka Fa Daakye Ho?

Wuhu nea Bible ka fa daakye ho a, ɛbɛyɛ wo nwonwa.

ASƐMMISA 11

Sɛ Obi Wu a, Ɛhe na Ɔkɔ?

Owu de obi kɔ asetena foforo mu anaa?

ASƐMMISA 12

Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Wɔn a Wɔawuwu?

Sɛ nnipa wu a, na asa?

ASƐMMISA 13

Dɛn na Bible Ka Fa Adwuma Ho?

Nnipa pii fa adwuma sɛ ɛyɛ ɔbrɛhunu, na wɔhwɛ kwan sɛ da bi bɛba a wɔrenyɛ adwuma bio. Wohwɛ a saa na Onyankopɔn pɛ no?

ASƐMMISA 14

Wobɛyɛ Dɛn Ahwɛ Nea Wowɔ So Yiye?

Sɛ wode Bible afotu yɛ adwuma a, ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea wobɛhwɛ nea wowɔ so yiye na ahonyade annye w’adwene nyinaa.

ASƐMMISA 15

Dɛn na Woyɛ a, Ɛbɛma W’ani Agye?

Bible no ma yɛhu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya anigye na yɛn ani asɔ nea yɛwɔ.

ASƐMMISA 16

Nneɛma Hyɛ Wo So a, Dɛn na Wubetumi Ayɛ?

Sɛ adwennwene reyɛ abunkam wo so a, Bible betumi aboa wo.

ASƐMMISA 17

Mfaso Bɛn na W’abusua Betumi Anya Afi Bible Mu?

Kenkan na hu sɛnea w’abusua betumi anya anigye ne asomdwoe.

ASƐMMISA 18

Dɛn na Woyɛ a, Ɛbɛma Woabɛn Onyankopɔn?

Wubetumi ne Onyankopɔn anya adamfofa a emu yɛ den.

ASƐMMISA 19

Nhoma Ahorow a Ɛwɔ Bible Mu no Ka Dɛn Ho Asɛm?

Kenkan na hu nsɛm a ɛwɔ Bible mu no ani so.

ASƐMMISA 20

Sɛ Worekenkan Bible a, Dɛn na Ɛbɛma Woanya so Mfaso Kɛse?

Bible no fa biara a wobɛkenkan no, sɛ wohwehwɛ nsɛmmisa nnan bi ho mmuae a, ɛbɛboa wo ama woanya so mfaso kɛse.