Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 17

Mfaso Bɛn na W’abusua Betumi Anya Afi Bible Mu?

Mfaso Bɛn na W’abusua Betumi Anya Afi Bible Mu?

OKUNUNOM/AGYANOM

“Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, na onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho . . . Mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho.”

Efesofo 5:28, 29, 33

“Mo, agyanom, monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.”

Efesofo 6:4

ƆYERENOM

“Ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”

Efesofo 5:33

“Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛfata Awurade mu.”

Kolosefo 3:18

MMA

“Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu, na eyi na ɛteɛ. ‘Di wo papa ne wo maame ni; na ɛno ne mmara a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu: Na asi wo yiye, na woatena ase akyɛ wɔ asase so.’”

Efesofo 6:1-3

“Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa mu, na eyi na ɛsɔ ani Awurade mu.”

Kolosefo 3:20