Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 5

Asɛm Bɛn na Ɛwɔ Bible Mu?

Asɛm Bɛn na Ɛwɔ Bible Mu?

“Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti na wo nso woaka ne nantin.”

Genesis 3:15

“W’aseni so na asase so aman nyinaa nam benya nhyira, efisɛ woayɛ aso ama me.”

Genesis 22:18

“W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”

Mateo 6:10

“Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm.”

Romafo 16:20

“Sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, afei Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Nea ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa ama obiara.”

1 Korintofo 15:28

“Abraham ne n’aseni [Kristo] na wɔhyɛɛ wɔn bɔ . . . . Bio nso, sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo ampa.”

Galatifo 3:16, 29

“Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na obedi hene daa daa.”

Adiyisɛm 11:15

“Enti wɔtow ɔtweaseɛ kɛse no kyenee, ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan a ɔredaadaa asase sofo nyinaa no; wɔtow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”

Adiyisɛm 12:9

“Ɔkyeree ɔtweaseɛ no, ɔwɔ dedaw a ɔne Ɔbonsam ne Satan no, na ɔkyekyeree no mfe apem.”

Adiyisɛm 20:2