Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 15

Dɛn na Woyɛ a, Ɛbɛma W’ani Agye?

Dɛn na Woyɛ a, Ɛbɛma W’ani Agye?

“Nhabamma aduan a ɔdɔ wom ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan bata ho.”

Mmebusɛm 15:17

“Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so.”

Yesaia 48:17

“Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.”

Mateo 5:3

“Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

Mateo 22:39

“Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.”

Luka 6:31

“Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”

Luka 11:28

“Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.”

Luka 12:15

“Enti sɛ yɛwɔ yɛn ano aduan ne nea yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.”

1 Timoteo 6:8

“Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”

Asomafo Nnwuma 20:35