Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 7

Dɛn na Bible Ka Fa Mmere a Yɛwɔ Mu Yi Ho?

Dɛn na Bible Ka Fa Mmere a Yɛwɔ Mu Yi Ho?

“Ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni . . . Eyinom nyinaa yɛ awoko yaw mfiase.”

Mateo 24:7, 8

“Atoro adiyifo bebree bɛsɔre abɛdaadaa nnipa bebree; na amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso nti nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.”

Mateo 24:11, 12

“Bio nso, sɛ mote ɔko ne ɔko ho amanneɛbɔ a, mommmɔ hu; etwa sɛ eyinom sisi, nanso na awiei no nnya nnui.”

Marko 13:7

“Asasewosow akɛse bɛba, na ɔyaredɔm ne aduankɔm bɛba mmeaemmeae; na ahude bɛba na nsɛnkyerɛnne akɛse afi soro aba.”

Luka 21:11

“Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, dinsɛefo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn; wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nyɛ adwuma.”

2 Timoteo 3:1-5