Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 3

Bible no, Hena na Ɔkyerɛwee?

Bible no, Hena na Ɔkyerɛwee?

“Mose kyerɛw Yehowa nsɛm no nyinaa.”

Exodus 24:4

“Daniel soo dae, na onyaa anisoadehu wɔ ne mpa so. Saa bere no, ɔkyerɛw ɔdae no too hɔ. Ɔkaa asɛm no nyinaa.”

Daniel 7:1

“Bere a mugyee Onyankopɔn asɛm a mote fii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa.”

1 Tesalonikafo 2:13

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ.”

2 Timoteo 3:16

“Nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.”

2 Petro 1:21