Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 1

Hena Ne Onyankopɔn?

Hena Ne Onyankopɔn?

“Na nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”

Dwom 83:18

“Munhu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn. Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ankasa.”

Dwom 100:3

“Mene Yehowa; me din ne no. Na meremfa m’anuonyam mma obiara, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.”

Yesaia 42:8

“Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.”

Romafo 10:13

“Nokwarem no, ofie biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.”

Hebrifo 3:4

“Momma mo ani so nhwɛ soro. Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa? Ɔno na obu wɔn asafodɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn. Na n’ahoɔden dodow ne ne tumi mmoroso nti, wɔn mu biako mpo nyera.”

Yesaia 40:26