Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 6

Dɛn na Bible Ka Faa Mesia no Ho?

Dɛn na Bible Ka Faa Mesia no Ho?

NKƆMHYƐ

“Wo, Betlehem Efrata, . . . wo mu na mɛma obi afi abɛyɛ Israel sodifo.”

Mika 5:2

SƐNEA ƐBAA MU

“Bere a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode nna no mu no, hwɛ! nsoromma mu ahwɛfo fi apuei fam baa Yerusalem.”

Mateo 2:1

NKƆMHYƐ

“Wɔkyekyɛ me nguguso mu fa, na m’atade nso, wɔbɔ so ntonto.”

Dwom 22:18

SƐNEA ƐBAA MU

“Afei bere a asraafo no bɔɔ Yesu asɛndua mu no, wɔfaa n’atade nguguso kyɛɛ mu anan . . . Nanso na atade nhyɛase no nni mpamee, na na wɔanwene fi soro besi fam. Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: ‘Mommma yennsunsuane mu, mmom momma yɛmmɔ so ntonto nhwɛ nea ɛbɛyɛ ne dea.’”

 

NKƆMHYƐ

“Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so; emu biako mpo mmu.”

Dwom 34:20

SƐNEA ƐBAA MU

“Woduu Yesu nkyɛn a wohui sɛ wawu dedaw no, wɔammubu ne nan mu.”

Yohane 19:33

NKƆMHYƐ

“Yɛn mmarato nti na wopiraa no.”

Yesaia 53:5

SƐNEA ƐBAA MU

“Asraafo no mu biako de peaw wɔɔ ne mfe na ntɛm ara mogya ne nsu fi bae.”

Yohane 19:34

NKƆMHYƐ

“Wɔde nnwetɛbona aduasa tuaa me ka.”

Sakaria 11:12, 13

SƐNEA ƐBAA MU

“Ɛnna dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot no kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn kɔkae sɛ: ‘Dɛn na mobɛma me na mayi no ama mo?’ Na wɔyɛe sɛ wɔbɛma no nnwetɛbona aduasa.”

Mateo 26:14, 15; 27:5