Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?

Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?

SUA BIBLE NO BUE

Nhoma 66 na ɛka bom yɛ Bible. Wɔakyɛ mu abien. Ɔfã a edi kan no ne nea wɔde Hebri ne Aram kasa kyerɛwee (“Apam Dedaw”). Ɔfã a ɛto so abien (“Apam Foforo”) no, wɔde Hela kasa na ɛkyerɛwee. Wɔakyekyɛ Bible nhoma no mu biara ayɛ no eti ne nkyekyɛm. Sɛ wuhu kyerɛwsɛm bi a, nɔma a edi Bible nhoma no din akyi no yɛ nhoma no ti. Nɔma a edi hɔ no nso yɛ nkyekyɛm no. Enti sɛ wuhu Genesis 1:1 a, ɛkyerɛ Genesis ti 1, nkyekyɛm 1.