Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 18

Dɛn na Woyɛ a, Ɛbɛma Woabɛn Onyankopɔn?

Dɛn na Woyɛ a, Ɛbɛma Woabɛn Onyankopɔn?

“O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.”

Dwom 65:2

“Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.”

Mmebusɛm 3:5, 6

“Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.”

Yohane 17:3

“Nokwasɛm ne sɛ [Onyankopɔn ne] yɛn mu biara ntam nware.”

Asomafo Nnwuma 17:27

“Nea mekɔ so bɔ ho mpae ne sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so wɔ nokware nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu.”

Filipifo 1:9

“Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.”

Yakobo 1:5

“Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo abɔnefo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta.”

Yakobo 4:8

“Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.”

1 Yohane 5:3