Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 16

Nneɛma Hyɛ Wo So a, Dɛn na Wubetumi Ayɛ?

Nneɛma Hyɛ Wo So a, Dɛn na Wubetumi Ayɛ?

“Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu. Ɔremma ɔtreneeni nhinhim da.”

Dwom 55:22

“Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba, na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.”

Mmebusɛm 21:5

“Nsuro efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo. Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.”

Yesaia 41:10

“Mo mu hena na sɛ odwinnwen a obetumi de basafa biako aka ne nkwa nna ho?”

Mateo 6:27

“Munnnwinnwen ɔkyena ho, na ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no.”

Mateo 6:34

“[Mompɛɛpɛɛ mu nhu] nneɛma a ehia koraa no.”

 

“Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.”

Filipifo 4:6, 7