Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 9

Adɛn Nti na Nnipa Hu Amane?

Adɛn Nti na Nnipa Hu Amane?

“Ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu, na ɛnyɛ anyansafo na wonya aduan, na ɛnyɛ nhumufo na wonya ahonyade, na ɛnyɛ animdefo na wonya nnipa anim dom; efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.”

Ɔsɛnkafo 9:11

“Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”

Romafo 5:12

“Eyi nti na woyii Onyankopɔn Ba no adi, sɛnea ɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.”

1 Yohane 3:8

“Yenim sɛ yefi Onyankopɔn, nanso wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.”

1 Yohane 5:19