Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 10

Dɛn na Bible Ka Fa Daakye Ho?

Dɛn na Bible Ka Fa Daakye Ho?

“Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”

Dwom 37:29

“Asase de, etim hɔ daa.”

Ɔsɛnkafo 1:4

“Ɔbɛmene owu akosi daa, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpopa obiara aniwam nusu.”

Yesaia 25:8

“Saa bere no anifuraefo ani bebue na asotifo aso ate asɛm. Ɛbere no mu na apakye behuruw sɛ ɔforote na mum tɛkrɛma de anigye abɔ ose. Nsu betue sare so na nsubɔnten asen asase pradada so.”

Yesaia 35:5, 6

“Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”

Adiyisɛm 21:4

“Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee.”

Yesaia 65:21, 22