Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 11

Sɛ Obi Wu a, Ɛhe na Ɔkɔ?

Sɛ Obi Wu a, Ɛhe na Ɔkɔ?

“Ne honhom fi kɔ, na ɔsan kɔ ne dɔte mu; da no ara, ne nsusuwii yera.”

Dwom 146:4

“Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara . . . Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamoa mu a worekɔ no.”

Ɔsɛnkafo 9:5, 10

“[Yesu kaa] eyinom, na ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Yɛn adamfo Lasaro ada, na merekɔ hɔ akonyan no.’ Yesu de, na ne wu ho asɛm na ɔreka. Nanso wosusuwii sɛ ɔreka nna ho asɛm. Enti afei de, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: ‘Lasaro awu.’”

Yohane 11:11, 13, 14