Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 2

Wobɛyɛ Dɛn Asua Onyankopɔn Ho Ade?

Wobɛyɛ Dɛn Asua Onyankopɔn Ho Ade?

“Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na mmom kenkan na dwinnwen ho awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so. Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.”

Yosua 1:8

“Wɔtoaa so kenkan nokware Nyankopɔn mmara nhoma no den, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu ma emu daa hɔ yiye, na wɔboa ma wonyaa akenkan no mu ntease.”

Nehemia 8:8

“Anigye ne onipa a ɔnnantew nnebɔneyɛfo agyina mu . . . , na mmom n’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo. . . . Nea ɔyɛ biara bewie yiye.”

Dwom 1:1-3

“Filipo tuu mmirika kɔɔ ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan odiyifo Yesaia nhoma no, na ose: ‘Wote nea worekenkan no ase?’ Ɔkae sɛ: ‘Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate ase?’”

Asomafo Nnwuma 8:30, 31

“Ne su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu, ɛno ne ne daa tumi ne ne Nyamesu, enti wonni anoyi biara.”

Romafo 1:20

“Dwinnwen eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”

1 Timoteo 4:15

“Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam.”

Hebrifo 10:24, 25

“Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.”

Yakobo 1:5