Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

5

Bible no Mu Nsɛntitiriw

Bible no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Nyankopɔn na ɔfata sɛ odi yɛn so. Ne nniso ye kyɛn nniso foforo biara. Nea enti a ɔbɔɔ asase ne nnipa no bɛba mu.

4026 A.Y.B. akyi

“Ɔwɔ” no kekaa nsɛm bi de kyerɛe sɛ ɔkwan a Yehowa fa so di adesamma so no nyɛ papa, enti ɔmfata sɛ odi nnipa so. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘aseni’ bi abɛbɔ ɔwɔ no, anaa Satan ti. (Genesis 3:1-5, 15) Nanso Yehowa gyaee nnipa sɛ wonni wɔn ho so kosi sɛ saa bere no bɛso. Enti nnipa bɛhyɛɛ ɔwɔ no ase.

1943 A.Y.B.

Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ n’abusua mu na ‘aseni’ no befi aba.​—Genesis 22:18.

1070 A.Y.B. akyi

Yehowa maa Ɔhene Dawid awerɛhyem sɛ, n’abusua mu na ‘aseni’ no befi aba. Akyiri yi, ɔsan sii so dua kyerɛɛ ne ba Solomon.​—2 Samuel 7:12, 16; 1 Ahene 9:3-5; Yesaia 9:6, 7.

29 Y.B.

Yehowa maa nnipa hui sɛ Yesu ne ‘aseni’ a wɔahyɛ ne ho bɔ no, na ɔno na obedi Dawid ade.​—Galatifo 3:16; Luka 1:31-33; 3:21, 22.

33 Y.B.

Ɔwɔ a ɔne Satan no kaa ‘aseni’ no nantin, kyerɛ sɛ, okum Yesu. Yehowa nyanee Yesu ma ɔkɔɔ soro, na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ n’Agya sɛ ɔde ne nipadua a ɛyɛ pɛ no abɔ afɔre, na Yehowa nso gye toom. Ɛno abue bɔne fafiri ne daa nkwa ho kwan ama Adam asefo.​—Genesis 3:15; Asomafo Nnwuma 2:32-36; 1 Korintofo 15:21, 22.

Bɛyɛ 1914 Y.B.

Yesu tow ɔwɔ a ɔne Satan no too asase so sɛ onni ne nna kakra a aka no wɔ so.​—Adiyisɛm 12:7-9, 12.

Daakye

Yesu de Satan bɛto afiase mfe 1,000 na afei wasɛe no, kyerɛ sɛ, ɔbɛpɛtɛw ne ti. Nea enti a Yehowa bɔɔ asase ne nnipa no bɛba mu. Ne din a wɔasɛe no no ho bɛtew, na obiara behu sɛ ne nniso na ɛyɛ papa.​—Adiyisɛm 20:1-3, 10; 21:3, 4.