Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

2

Onyankopɔn Din a Epue Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no Mu

Onyankopɔn Din a Epue Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no Mu

Bible ho abenfo gye tom sɛ Tetragrammaton (יהוה) a wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn din no, epue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu bɛyɛ 7,000. Nanso, nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ ampue wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Enti, ɛnnɛ, wofa Bible pii a, worenhu edin Yehowa no wɔ ɔfã a nkurɔfo taa frɛ no Apam Foforo no. Sɛ Hela Kyerɛwnsɛm no fa nsɛm bi fi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ka asɛm na sɛ Tetragrammaton no pue wom mpo a, nsɛm asekyerɛfo dodow no ara de “Awurade” na ɛhyɛ Onyankopɔn din ankasa no anan.

Nanso, ɛnte saa wɔ Kyerɛw Kronkron​—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Ɛno de, edin Yehowa no pue Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu 237. Nea ɛmaa wɔn a wɔkyerɛɛ ase no de edin no baa mu ne nneɛma titiriw abien yi: (1) Hela nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ nnɛ no nyinaa, nkurɔfo hwɛɛ ebi so na wɔkyerɛwee. Bere a Bible akyerɛwfo dii kan kyerɛw Hela Kyerɛwnsɛm no, edii mfe ahanu ne akyi ansa na nkurɔfo reyɛ nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ nnɛ no fã kɛse no ara. (2) Saa bere no, akyerɛwfo no sesaa Tetragrammaton no de Hela asɛmfua Kyʹri·os a ɛkyerɛ “Awurade” sii anan. Ebi nso wɔ hɔ a, nea na wɔayiyi Tetragrammaton no afi mu dedaw na wɔhwɛɛ so kyerɛw bi.

Wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no, wohui sɛ biribiara kyerɛ sɛ Tetragrammaton no puee tete Hela nsaano nkyerɛwee no mu. Ɛno nti na wɔde Onyankopɔn din no baa Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Wɔn nnyinaso ni:

  • Hebri Kyerɛwnsɛm a na nkurɔfo de yɛ adwuma wɔ Yesu ne n’asomafo no bere so no, na Tetragrammaton no wom bebree. Bere bi a atwam no, nnipa mmiako mmiako bi gyee saa asɛm yi ho akyinnye. Nanso seesei, nhwehwɛmufo akohu Hebri Kyerɛwnsɛm no bi a wɔyɛe wɔ asomafo no bere so wɔ baabi a ɛbɛn Kumran. Ɛno ama akyinnyegye no nyinaa to atwa.

  • Yesu ne n’asomafo no bere so no, na Tetragrammaton no san wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔakyerɛ ase kɔ Hela kasa mu no mu. Tete no, wɔkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase kɔɔ Hela mu, na na wɔfrɛ no Septuagint. Akyiri yi, nkurɔfo hwɛɛ so kyerɛw bi. Saa nsaano nkyerɛwee no, dedaadaw nyinaa, na abenfo adwene yɛ wɔn sɛ Tetragrammaton no nni mu. Nanso mfe kakra ni, nhomanimfo yɛɛ Septuagint nsaano nkyerɛwee bi mu nhwehwɛmu. Ɛyɛ nkratafa asinasin a akyɛ paa a Yesu bere so nyinaa na ɛwɔ hɔ. Wohui sɛ wɔde Hebri akyerɛw Onyankopɔn din wom. Ɛno kyerɛ sɛ Yesu bere so no, nsaano nkyerɛwee a na ɛwɔ Hela kasa mu no, na Onyankopɔn din wom. Bɛyɛ mfe ahasa akyi no, wɔyɛɛ Hela Septuagint nsaano nkyerɛwee bi a ɛnte sɛ nsaano nkyerɛwee a akyɛ paa no. Ebi ne Codex Vaticanus ne Codex Sinaiticus a agye din no. Ɛno de, na Onyankopɔn din nni Genesis kosi Malaki. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nsaano nkyerɛwee a wɔyɛɛ no saa bere no nyinaa, wohwɛ ɔfã a wɔfrɛ no Apam Foforo anaa Hela Kyerɛwnsɛm no mu a, worenhu Onyankopɔn din.

    Yesu kaa no pefee sɛ: “M’Agya din mu na mebae.” Ɔsan sii so dua sɛ nnwuma a ɔyɛ nyinaa, ɔyɛ no n’Agya “din mu”

  • Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ankasa mpo ma yehu sɛ na Yesu taa bɔ Onyankopɔn din, na ɔdaa edin no adi kyerɛɛ nkurɔfo. (Yohane 17:6, 11, 12, 26) Yesu kaa no pefee sɛ: “M’Agya din mu na mebae.” Ɔsan sii so dua sɛ nnwuma a ɔyɛ nyinaa, ɔyɛ no n’Agya “din mu.”​—Yohane 5:43; 10:25.

  • Onyankopɔn honhom a ɔde kaa nnipa ma wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no, ɛno ara na ɔde kaa nnipa ma wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no. Enti ɛbɛyɛ nwonwa sɛ Yehowa din betumi ayera afi Hela Kyerɛwnsɛm no mu prɛko pɛ. Asomafo no bere so no, osuani Yakobo ka kyerɛɛ Yerusalem mpanyimfo no sɛ: “Simeon aka sɛnea Onyankopɔn dan n’ani baa amanaman no so nea edi kan yii nnipa bi fii wɔn mu maa ne din no ho asɛm.” (Asomafo Nnwuma 15:14) Saa bere no, sɛ obiara nnim Onyankopɔn din anaa obiara mmɔ din no a, anka hena na obehu nea Yakobo repɛ akyerɛ?

  • Onyankopɔn din a wɔatwa no tiaa wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. “Haleluia” a ɛwɔ Adiyisɛm 19:1, 3, 4, 6 no, efi Hebri asɛmfua bi mu, na ɛkyerɛ: “Munyi Yah ayɛ.” “Yah” nso yɛ Yehowa din no a wɔatwa no tiaa. Edin bebree wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu a wonya fii Onyankopɔn din no mu. Yesu mpo, nhoma ahorow bi ka sɛ ne din no kyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye.”

  • Nhoma ahorow a tete Yudafo kyerɛwee no ma yehu sɛ, na Yudafo Kristofo a wɔwɔ hɔ no kyerɛw Onyankopɔn din wɔ wɔn nhoma ahorow mu. Yudafo wɔ mmara nhoma bi a wɔfrɛ no Tosefta. Wɔkyerɛw wiei bɛyɛ afe 300 Y.B., na ɛkaa sɛnea na Homeda biara, atamfo hyew Kristofo nhoma no ho asɛm sɛ: “Wɔhyew Asɛmpakafo no nhoma ne minimfo no nhoma. [Minimfo no, wɔkyerɛ mu sɛ wɔyɛ Yudafo Kristofo.] Wɔde guu gya mu ma ɛne Onyankopɔn Din a ɛwom no nyinaa hyew dwerɛbee.” Nhoma koro no ara faa Galileani kyerɛkyerɛfo Yosé anom asɛm kae. Ɔtenaa ase Yesu awo akyi bɛyɛ mfe 200, na ɔkae sɛ da a ɛnyɛ Homeda no, “na wotwitwa baabi a Onyankopɔn Din pue wɔ [Kristofo nhoma no] mu de sie, na afei wɔhyew nea aka no.”

  • Bible ho abenfo binom gye tom sɛ, sɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no fa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bi ka a, ɛnyɛ dɛn ara a, Onyankopɔn din no bepue wom. Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kaa Tetragrammaton no ho asɛm sɛ: “Nneɛma bi wɔ hɔ a yebetumi agyina so aka sɛ bere a wɔrekyerɛw Apam Foforo no, sɛ Apam Dedaw no mu nsɛm bi pue wom a, ne nyinaa anaa ne fã bi de, Tetragrammaton a ɛyɛ Onyankopɔn din, Yahwe no, bepue wom.” (The Anchor Bible Dictionary) Ɔbenfo George Howard ka sɛ: “Hela Bible [Septuagint] a ɛno ne Kyerɛwnsɛm a na tete asɔre no [anaa Kristofo] kenkan no, esiane sɛ na wɔda so ara kyerɛw [Tetragrammaton] no wom nti, ntease wom sɛ yebegye adi sɛ, sɛ Apam Foforo no akyerɛwfo refa Apam Dedaw no mu asɛm aka a, na wonyi [Tetragrammaton] no mfi mu.”

  • Bible asekyerɛfo bi a wobu wɔn paa de Onyankopɔn din baa wɔn nkyerɛase mu wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Edin no baa wɔn mu bi nkyerɛase mu koraa ansa na Wiase Foforo Nkyerɛase no reba. Bible asekyerɛfo no bi Bible ne wɔn ankasa din na edidi so yi: A Literal Translation of the New Testament . . . From the Text of the Vatican Manuscript, Herman Heinfetter (1863); The Emphatic Diaglott, Benjamin Wilson (1864); The Epistles of Paul in Modern English, George Barker Stevens (1898); St. Paul’s Epistle to the Romans, W. G. Rutherford (1900); The New Testament Letters, J.W.C. Wand, London Sɔfopɔn (1946). Nea ɛka ho bi ne Bible a Pablo Besson kyerɛɛ ase kɔɔ Spain kasa mu wɔ afe 1919 mu no. Wokan ne Bible no a, wubehu “Jehová” wɔ Luka 2:15 ne Yuda 14. Afei nso, ase hɔ nsɛm a ɛwɔ saa Bible no mu no, emu bɛyɛ 100 twe adwene si mmeae bi a ebia anka ɛsɛ sɛ Onyankopɔn din no ba. Bɛboro mfe 200 ansa na Bible ahorow a yɛaka ho asɛm yi nyinaa reba no, na nkurɔfo akyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase kɔ Hebri kasa mu, na na Tetragrammaton no pue wɔ mmeae pii. German kasa nkutoo mu no, anyɛ yiye koraa, Bible ahorow bɛyɛ 11 na edin “Jehovah” (anaa “Yahweh”) no pue wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. German Bible asekyerɛfo baanan bi nso, wɔkyerɛw “Awurade” a, na wɔde Onyankopɔn din no ahyɛ nkahyemde mu aka ho. Bible a wɔakyerɛ ase kɔ German kasa mu no, bɛboro 70 na wɔde Onyankopɔn din no hyɛɛ ase hɔ nsɛm mu anaa nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • Onyankopɔn din no pue wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu wɔ Bible a wɔakyerɛ ase kɔ kasa bɛboro ɔha mu. Onyankopɔn din nyɛ nã wɔ Bible a wɔakyerɛ ase kɔ kasa ahorow pii mu te sɛ nea wɔka wɔ Afrika, Amerika, Asia, Europe, ne Pacific aman mu no. (Hwɛ kratafa 12 ne 13.) Nkyerɛkyerɛmu a yɛadi kan de ama no, ɛno ara bi na ɛmaa Bible asekyerɛfo de Onyankopɔn din baa Bible a ɛwɔ kasa ahorow yi mu. Kasa no bi wɔ hɔ a, nnansa yi ara na wɔrekyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase akɔ mu. Saa Bible no bi ne Rotuman Bible (1999) a “Jihova” pue wom 51 wɔ nkyekyɛm mmiako mmiako 48. Batak (Toba) Bible (1989) a wɔkyerɛɛ ase wɔ Indonesia no nso, “Jahowa” pue wom 110.

Onyankopɔn din a ɛwɔ Marko 12:29, 30 wɔ Bible a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hawaii kasa mu

Eyinom nyinaa nti, ntease wom paa sɛ obi rekyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase a, ɔde Onyankopɔn din Yehowa no bɛba mu. Ɛno nti na wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no nso yɛɛ saa. Wɔwɔ obu kɛse ma Onyankopɔn din no, na wosuro sɛ wobeyi biribi afi Onyankopɔn Asɛm mu.​—Adiyisɛm 22:18, 19.