Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

4-A

Yesu Asase so Asetena Mu Nsɛm—Ansa na Yesu Refi Ne Som Adwuma Ase

Yesu Asase so Asetena Mu Nsɛm—Ansa na Yesu Refi Ne Som Adwuma Ase

Nsɛmpa Anan Mu Nsɛm; Yɛahyehyɛ no Sɛnea Esisii

Nsɛm a yɛahyehyɛ yi, map ka ho, na ɛkyerɛ Yesu akwantu ne mmeae a ɔkɔkaa asɛmpa no. Map no kyerɛ mmeae a Yesu kɔe nanso ɛnkyerɛ akwan pɔtee a ɔfaa so. Ahyɛnsode “b.” no kyerɛ “bɛyɛ.”

Ansa na Yesu Refi Ne Som Adwuma Ase

BERE

BEAE

NEA ESII

MATEO

MARKO

LUKA

YOHANE

Afe 3 A.Y.B.

Yerusalem, asɔrefie

Ɔbɔfo Gabriel hyɛɛ Yohane Suboni awo ho nkɔm kyerɛɛ Sakaria

   

1:5-25

 

b. afe 2 A.Y.B.

Nasaret; Yudea

Ɔbɔfo Gabriel hyɛɛ Yesu awo ho nkɔm kyerɛɛ Maria; Maria kɔsraa ne busuani Elisabet

   

1:26-56

 

Afe 2 A.Y.B.

Yudea mmepɔw so nkurow

Wɔwoo abofra too no din Yohane Suboni; Sakaria hyɛɛ nkɔm; Yohane asetena wɔ sare so

   

1:57-80

 

Afe 2 A.Y.B., b. Oct. 1

Betlehem

Wɔwoo Yesu; “Asɛm no bɛyɛɛ honam”

1:1-25

 

2:1-7

1:1-5, 9-14

Betlehem nkyɛn baabi; Betlehem

Ɔbɔfo bi kaa asɛmpa kyerɛɛ nguanhwɛfo; abɔfo yii Onyankopɔn ayɛ; nguanhwɛfo kɔsraa abofra no

   

2:8-20

 

Betlehem; Yerusalem

Wotwaa Yesu twetia (da a ɛto so 8); n’awofo de no kɔɔ asɔrefie (adaduanan akyi)

   

2:21-38

 

Afe 1 A.Y.B. anaa afe 1 Y.B.

Yerusalem; Betlehem; Egypt; Nasaret

Nsoromma mu ahwɛfo kɔsraa wɔn; abusua no guan kɔɔ Egypt; Herode kunkum mmarimaa; abusua no fi Egypt bae, na wɔkɔtenaa Nasaret

2:1-23

 

2:39, 40

 

Afe 12 Y.B., Twam

Yerusalem

Yesu a wadi mfe 12 no kɔɔ asɔrefie; obisabisaa akyerɛkyerɛfo nsɛm

   

2:41-50

 
 

Nasaret

Ɔsan kɔɔ Nasaret; ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa n’awofo; osuaa duadwumfo adwuma; Maria woo mmabarima foforo baanan; ɔwoo mmabea nso (Mt 13:55, 56; Mr 6:3)

   

2:51, 52

 

Afe 29, osutɔ bere

Sare so, Yordan Asubɔnten

Yohane Suboni fii n’asɛnka adwuma ase

3:1-12

1:1-8

3:1-18

1:6-8, 15-28