Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw no Hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw no Hɔ

Yɛn Nuanom Mmarima ne Mmea:

Bɛboro mfe 600 ansa na Kristo reba no, odiyifo Hesekiel nyaa anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa paa. Ohuu ɔsoro teaseɛnam kɛse bi. Amansan Sodifo no na na ɔreka saa teaseɛnam no. Ade a ɛyɛ nwonwa paa wɔ teaseɛnam yi ho ne sɛnea etu mmirika. Etu mmirikatɛntɛ, na ɛba sɛ ɛredan ne ho mpo a, ɛno ara ne sɛ ɛrekɔ; ɛngow ne mmirika mu!—Hes. 1:4, 9, 12, 14, 16-27.

Saa anisoadehu no kae yɛn sɛ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no, kɔ ara na ɛrekɔ n’anim. Ne fã a ɛwɔ asase so no nso ɛ? Sɛ yɛhwɛ ɔsom afe a etwaam no a, ɛkyerɛ pefee sɛ Yehowa reboa ne nkurɔfo a ɛwɔ asase so no ama wɔayɛ ɔsom adwuma no ntɛmntɛm!

Woba United States a, adagyew nnim koraa. Betel abusua a ɛwɔ Brooklyn no, ebi retu akɔ yɛn adwumayɛbea ti foforo wɔ Warwick, New York, na ebi nso rekɔ yɛn adwumayɛbea ahorow. Ebinom nso rekɔ mmeaemmeae akɔka asɛmpa no. Betelfo a ɛwɔ baa dwumadibea ahorow bi nso ani abere resisi adan. Baabi nso wɔ hɔ a, wɔresiesie adan a ɛwɔ hɔ no. Baabi nso deɛ, wɔrekeka baa dwumadibea no bi abom. Ebi nso retu kɔ mmeae foforo. Wo nso ɛ? Wo deɛ, ebia wuntu nkɔɔ baabiara. Nanso wugu ɔsom adwuma no so denneennen.

Onyankopɔn nkurɔfo a ɛwɔ wiase baabiara de nsi ne ahokeka soronko reyɛ ɔsom adwuma no. Wɔne Yehowa ahyehyɛde no rebɔ anan paa. Sɛ Akwankyerɛ Kuw no hu wei nyinaa a, ɛka wɔn koma yiye. Anuanom pii atu kɔ mmeae a wohia mmoa. Ebinom nso resom wɔ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu. Anuanom pii nso reyɛ asɛnka adwuma no afã bi a wɔnyɛɛ bi da koraa. Anuanom dodow no ara nso atrɛw wɔn som mu wɔ akwan horow so. Kristofo anokwafo nyinaa, nkwakoraa oo, mmerewa oo, wɔn a wɔnte apɔw oo, obiara retu nkwa ho mmirika no. Wogu so denneennen resom Yehowa, na wɔrema nkurɔfo ahu sɛ Satan yɛ kontomponi dabrabani!—1 Kor. 9:24.

Munnya awerɛhyem sɛ Yehowa werɛ remfi ɔsom pa a mode ma no no. (Heb. 6:10) Sɛnea moayi mo yam resom Yehowa no ma yɛkae Abraham ne Sara. Bere a Abraham dii mfe 70 ne akyi no, ɔne n’abusua tu fii Kaldeafo kuro Ur mu kɔɔ akyirikyiri baabi wɔ Kanaan. Ne mfe ɔha a na aka nyinaa, ɔde tenaa ntamadan mu. Hwɛ sɛnea ɔne ne yere yii wɔn yam som Yehowa!—Gen. 11:31; Aso. 7:2, 3.

Wo nso ɛ? Woayi wo yam resom Yehowa? Yenim sɛ nneɛma mu ayɛ den, nanso mo nyinaa ayere mo ho reyɛ nea Yesu kaa sɛ yɛnyɛ yi: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.”—Mat. 28:19.

Asɛmfua “monkɔ” a Yesu de yɛɛ adwuma no mpo ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkeka yɛn ho, ɛnsɛ sɛ yɛtenatena hɔ. Sɛ yɛhwɛ dwuma sono a Kristo akyidifo a wɔyɛ nsi yɛɛ no afe a etwaam no a, ɛma akomatɔyam paa! Wutumi hu paa sɛ Ahenni ho asɛmpa a yɛreka no aman nyinaa mu no, Yehowa de ne basa a emu yɛ duru no rehyira so.—Mar. 13:10.

Nnipa pii retie asɛmpa no. Afe a etwaam no, adawurubɔfo 8,340,847 na ɛkaa asɛmpa no. Yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, bosome biara, yɛyɛɛ Bible adesua 10,115,264. Ampa, ɔsoro teaseɛnam no retu mmirikaden. Wo nso, wugu so paa! Nkwagye kwan a Yehowa abue no, aka kakraa bi na watom. Enti kɔ so ara yere wo ho yɛ ɔsom adwuma no.

Wei nti afe 2017 afe asɛm no fata paa. Ɛse “Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa”! (Dw. 37:3) Sɛ woyɛ aso tie saa asɛm yi, na woyɛ papa, kyerɛ sɛ, wode ɔsom kronn ma Yehowa a, ɛnde na wode wo ho ato ne so. Yɛsrɛ wo, ma ɛntena wo tirim sɛ wonyɛ ankonam. Yesu abɔ yɛn anohoba sɛ: “Hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.”—Mat. 28:20.

Nokwaredi a wode reyɛ ɔsom adwuma no, nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira so. Nea woreyɛ biara, ɛsõ oo, esua oo, ɛnyɛ ɛhɔ na Yehowa rehwɛ. Nea ehia no paa ne sɛ obehu sɛ woreyɛ nea wubetumi nyinaa, na wode adwempa nso na ɛreyɛ. Nea wode ma Yehowa biara, n’ani sɔ na ogye tom. (2 Kor. 9:6, 7) Enti kɔ so ara bɔ mpae, sua Onyankopɔn Asɛm, kɔ Kristofo nhyiam daa, na fa nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Woyɛ saa a, wobɛbɛn wo soro Agya a ɔdɔ wo no paa.

Ɔbonsam yɛ otuatewfo tirimɔdenfo, na ne “bere a aka yɛ tiaa.” Wei nti ɔpɛ sɛ ɔfa akwannuasa nyinaa so sɛe nokware a yedi ma Yehowa no ansa na ne bere aba awiei. (Adi. 12:12) Enti kɔ so bata Yehowa ho, na nea Ɔbonsam bɛyɛ biara bɛyɛ kwa. (Dw. 16:8) Anuanom, yɛdɔ mo papaapa, na nea moreyɛ de boa Awurade Ahenni adwuma no wɔ nna a edi akyiri yi mu no, yɛn ani sɔ paa.

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw