Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahenni Pɔnkɔsotefo no Rekɔ

Ahenni Pɔnkɔsotefo no Rekɔ

Ti 13

Ahenni Pɔnkɔsotefo no Rekɔ

1, 2. (a) Hena na yɛn adwene wɔ ne so seesei, na dɛn na okura wɔ ne nsa nifa mu? (b) Dɛn nti na wɔka kyerɛɛ Yohane sɛ onnyae sũ? (d) Hena ne Yuda abusua mu “Gyata” no, na dɛn nti na ɔfata sɛ ɔtetew nsɔano no ano?

MA YƐNNAN nkɔ Adiyisɛm ti anum no so. Ɛha na yɛkenkan anisoadehu a efi honhom mu a wɔde maa ɔsomafo Yohane a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ‘ba’ ho tee no ho asɛm. Ɛde adwene si Amansan Hene Yehowa, “nea ɔte ahengua no so” no so. Okura nhoma mmobɔwee a wɔakyerɛw so wɔ ne nsa nifa mu, “na wɔde nsɔano ason asɔw ano.” Nanso ɔsomafo Yohane sui pii. Dɛn ntia? Efisɛ, wɔ amansan yi nyinaa mu no, wɔannya obi a ɔfata sɛ ɔtew nhoma mmobɔwee no ano na ɔma wohu emu nsɛm no. Nanso, hwɛ! Obi wɔ hɔ a ɔfata! Ɛnyɛ obiara sɛ “Yuda abusuakuw mu Gyata,” Dawid ahenni no difo no.—Adiyisɛm 5:1-5.

2 Ɔfata, efisɛ wadi “nkonim.” Sɛ́ onipa a ɔyɛ pɛ wɔ asase so no, odii nokware a enhinhim koraa maa n’Agya kosii asɛndua so atirimɔden wu mu mpo. “Wi yi ase sodifo,” Satan, antumi amma wannyae ne mudi mu. Ná Yesu betumi aka sɛ: “Madi wiase so nkonim.”—Yohane 14:30; 16:33.

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye Adiyisɛm 5:9, 10 mmamu no ho?

3 Afoforo nso wɔ hɔ a wɔadi wiase so nkonim, na “Gyata” ɔkokodurufo yi, Kristo Yesu, bu wɔn sɛ ne honhom mu “nuanom.” (Mateo 25:40) Wobenyan eyinom akɔ soro akɔka ne ho wɔ ne mfirihyia 1,000 Ahenni tumidi no mu, na wɔne no de ogye afɔrebɔ no mu mfaso horow no adi dwuma ama adesamma ɔpepepem pii wɔ asase so. Enti ɛnne a ɛwɔ soro reto dwom foforo bi. Wɔreka kyerɛ Oyi, nea bere bi wɔde no kɔe sɛ oguammaa a ne ho nni asɛm kokum no no:

“Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu, na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.” (Adiyisɛm 5:9, 10)

Nhyira bɛn ara ni sɛ Ɔhene no ne ahene a wɔka ne ho a wɔasɔ wɔn ahwɛ na wɔfata no rebɛyɛ ade ama adesamma a nkurɔfo hyɛ wɔn so no! Nanso eyi mu no, ɛsɛ sɛ ɔko di kan ba ansa.

ƆPƆNKƆ FITAA NO SOTEFO

4. (a) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na “ɔpɔnkɔ fitaa” sotefo no “ta” ne “abotiri” a ogyei no yɛ? (b) Hena ne ɔpɔnkɔsotefo yi, na bere bɛn na ogyee ahenni tumi?

4 Bere a “Oguammaa” no gye nhoma mmobɔwee no na ɔtew nsɔano a edi kan no, ɛnne bi fi soro bom sɛ ɔpranaa, sɛ: “Bra!” Na dɛn na yehu? “Ɔpɔnkɔ fitaa bi”—ɔyɛ trenee akodi ho sɛnkyerɛnne. Nea ɔte ne so no kura “ta.” Obetumi afi akyirikyiri asɛe n’atamfo—a ebetumi akɔ akyirikyiri asen aprɛm mmɛmma biara a wotumi tow fi asasepɔn biako so kɔ foforo so a onipa ayɛ. Wɔde “abotiri” ma no, na eyi twe adwene si 1914 so, bere a Yehowa de amanaman so ahenni tumi ma no no. Esiane sɛ ɔwɔ tumi sen adesamma awuranom anaa ahene nketenkete nti, “awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene” yi ne Kristofo a wɔasra wɔn a “wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware” a wɔne no yɛ biako wɔ ne soro Ahenni no mu bedi trenee atamfo nyinaa so nkonim.—Adiyisɛm 6:1, 2; 17:14.

5. (a) Mfitiase nkonim bɛn na ɔpɔnkɔsotefo yi dii? (b) Dɛn na afi mu aba ama adesamma, nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Marko 13:32-37 kɔkɔbɔ no?

5 “Ɔpɔnkɔ fitaa” no sotefo yi yɛ nkonimdifo kɛse. Ɛnde, dɛn koraa na ebetumi afata yiye sen sɛ bere a ofi ne pɔnkɔ so tra no ase no, obetu “ɔwɔ dedaw” Satan ne n’abɔfo adaemone no afi soro no? Ɔtoo wɔn kyenee asase yi so! Ɛnyɛ nwonwa sɛ afei Ɔbonsam bo afuw kɛse saa. Sɛnea yɛahyɛ no nsow dedaw no, ɔde n’abufuw yi kowie adesamma so, ɔma ‘asase ne ɛpo hu amane.’ Ɔbonsam nim sɛ ne “bere a ɔwɔ yɛ tiaa,” nanso ɔyɛ anifere yiye. Ɔbɛpɛ sɛ ɔfa ɔkwan bi so ma yesusuw sɛ “nna a edi akyiri” no nnya mmae koraa. Mommma ɔmmfa adwene a ɛte saa nnnaadaa yɛn mu biara na yɛada!—Adiyisɛm 12:9-12; Marko 13:32-37.

ƆPƆNKƆ KƆKƆƆ BI

6. (a) Sɛnea Adiyisɛm 6:3, 4 kyerɛ no, dɛn na efi adi afei? (b) Ɔkwan bɛn so na na ɛsono Wiase Ko I wɔ ako a edii anim nyinaa ho?

6 “Oguammaa” no tew nsɔano a ɛto so abien no ano. ‘Ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ bi’ tu mmirika fi adi! “Na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi.” (Adiyisɛm 6:4) Ah, wiase ko a edi kan wɔ adesamma abakɔsɛm mu pae gu. Woyi asomdwoe fi hɔ, ɛnyɛ amanaman kakraa bi nko mu, na mmom “asase so,” bere a asraafo dɔm ne nsu so akofofo dɔm akɛseakɛse ne wɔn ho wɔn ho di ako, na wɔde akode a ɛyɛ hu a etumi sɛe nneɛma bebree di dwuma no. Bere a asraafo dɔm a akodi yɛ wɔn adwuma a wɔwɔ aman kakraa bi pɛ mu na mpɛn pii no wodii ako bere a atwam no, Wiase Ko I no kɔɔ so wɔ mmaa nyinaa. Nea edi kan wɔ abakɔsɛm mu no, wɔde amanaman pii nneɛma a wɔwɔ nyinaa, a nnipa a wɔhyɛ wɔn ma wɔbɛyɛ asraafo ka ho, baa ɔko no mu.

7-9. ‘Okum’ ho no, akontaabu ne nsɛm a wɔakeka bɛn na ɛkyerɛ sɛ 1914 na efii abakɔsɛm nyinaa mu awudi bere a ɛsen biara no ase?

7 Nkɔmhyɛ no bɔɔ ‘okum’ din, na na ɛyɛ ‘okum’ ampa! Wɔ Somme ko no mu no, ade foforo a edi awu a wɔyɛe, a ɛyɛ otuo a ɛtow ntɛmntɛm, kunkum Britaniafo ne Fransefo asraafo ɔpehaha pii, na akontaabu bi kyerɛ sɛ ɛno na ekunkum nnipa no mu ɔha biara mu 80. Asram akron wɔ Verdun no, nnipa pii wuwu sen wɔn a wɔne Napoleon dɔm no kɔɔ Russia no. Ná asɛm bi a wɔde mogya akyerɛw wɔ Verdun amusiei bi fasu ho kenkan sɛ: “EFI HA KƆ AWUDI DAN MU YƐ KILOMITA ANUM.” Ne nyinaa mu no, wokunkum asraafo bɛyɛ 9,000,000 wɔ mfe anan a wɔde dii saa Ɔko Kɛse no mu.

8 So 1914 ne bere a ‘ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ’ no sotefo no yii asomdwoe fii asase so no? Abakɔsɛm akyerɛwfo pii gye saa adwene no tom. Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ mfe 50 wɔ ɛno akyi no, abakɔsɛm nsɛmma nhoma American Heritage no samufo kyerɛwee sɛ: “1914 ahohuru bere mu no ná asomdwoe wɔ amanaman no mu na na ɛte sɛ nea daakye bɛyɛ dwoodwoo. Afei atuo no kasae, na na nneɛma renyɛ sɛnea na ɛte kan no bio da. . . . Ná 1914 yɛ adesamma abakɔsɛm mu mfe a ɛyɛ hu sen biara no mu biako . . . Saa afe no na nsakrae akɛse a ɛba prɛko anaa mprenu wɔ mfe apem mu no mu biako bae. Ebia ɛbɛkyɛ ansa na yɛawie nea 1914 de yɛn kɔɔ mu no asete koraa, nanso anyɛ yiye koraa no yebetumi afi ase ahu nea ehwim yɛn fii mu.” Nokwarem no, ‘ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ’ no sotefo hwim asomdwoe fii asase so, na afe no ne 1914.

9 Ɔpɔnkɔsotefo no atoa ne pɔnkɔ so tra a edi awu no so afa wiase ko a ɛto so abien bi mu, a emu na asraafo 16,000,000 totɔe ɔko no mu. Bere a 1980 mfe no kɔ n’anim no, Hungaryni ɔbenfo bi bu akontaa sɛ Wiase Ko II akyi mfe aduasa no, asraafo afoforo 25,000,000 wuwui wɔ ɔko mu. Ɔka sɛ mfe 33 a edii Wiase Ko II awiei akyi no, nnafua 26 pɛ na wɔanko wɔ wiase no fã bi.

10. Ɔpɔnkɔsotefo yi de “nkrante kɛse” bi adi dwuma dɛn?

10 Nkɔmhyɛ no ka kyerɛ yɛn sɛ wɔde “nkrante kɛse” bi maa ɔpɔnkɔsotefo yi. Na, ampa, akode a wɔde kunkum nnipa adi dwuma kɛse wɔ nnipa a wokunkum wɔn wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu ɔko ahorow no mu. Wiase Ko I mu no, wɔde mframa a edi awu, akode a ɛtow ntoatoaso, asraafo ntwitwiridii, wim ahyɛn ne nsu ase akohyɛn dii dwuma kɛse nea edi kan. Wiase Ko II mu no, wim akodi popaa nkuropɔn fii hɔ ankasa, a wɔn a wowuwuii no mu dodow no ara yɛ mmea, mmofra ne nkwakoraa ne mmerewa a wɔn ho nni asɛm. Wɔsɛee kuropɔn Coventry, a ɛwɔ England anadwo biako, na ɛno akyi no aman a wɔayɛ Apam no ntua a efi wim no kunkum nnipa 135,000 wɔ Dresden a ɛwɔ Germany. Ɛno akyi na atom atopae a ekunkum nnipa pii no dii akyi bae a anyɛ yiye koraa no ekunkum nnipa 92,000 wɔ Hiroshima ne 40,000 wɔ Nagasaki, Japan, a bio nso dodow no ara yɛ ɔmanfo a wɔnyɛ asraafo. Sɛ nuklea akodi pae gu a, nea “nkrante kɛse” no bɛyɛ nnɛ no yɛ nea ɛtra adwene so!

“HWƐ, ƆPƆNKƆBIRI BI”

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na “ɔpɔnkɔbiri” no sotefo no ada ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so abien no hokafo? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wakɔ so atra ɔpɔnkɔ no so abedu yɛn bere yi so?

11 Bere a “Oguammaa” no tew nsɔano a ɛto so abiɛsa ano no, “ɔpɔnkɔbiri bi” bɔ kirididi fi adi. “Na nea ɔte no so no kura nsenia ne nsam.” (Adiyisɛm 6:5) Ah, ɔpɔnkɔsotefo a ɔma ɔko a ɛkɔ so wɔ mmaa nyinaa ba no hokafo a ɔno nso te pɔnkɔ so ni! Ɔpɔnkɔsotefo a ɔde ɔkɔm ba no ni. Wiase ko abien no nyinaa mu no, ɔkɔm haw aman pii. Aduan a wɔkyekyem ma nkurɔfo, sɛnea wɔde “nsenia” yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no, bɛyɛɛ nea amanaman a wodi ako no mu nnipa yɛ daa. Na Wiase Ko I awiei mu hɔ na ɔkɔm a ano yɛ den sen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no bae. The Nation a ɛbaa June 7, 1919, no bɔɔ amanneɛ sɛ na nnipa 32,000,000 a wɔwɔ India “na ɔkɔm reyɛ akunkum wɔn.” World’s Work a ɛbaa March 1921 no kae sɛ wɔ China atifi fam nkutoo no, nnipa 15,000 na na ɔkɔm kunkum wɔn da biara da. New York Times nhoma a wɔfrɛ no Current History Magazine a ɛbaa October 1921 no faa amanneɛbɔ bi a efi Britania kae sɛ wɔ Russia no, “anyɛ hwee koraa no, nnipa 35,000,000 na ɔkɔm ne yaredɔm a emu yɛ den kaa wɔn.” Ɔkɔm a ɛte saa ara na ɛbae Wiase Ko II akyi, bere a Look nsɛmma nhoma a ɛbaa June 11, 1946, no bɔɔ amanneɛ sɛɛ no: “Ɔkɔm rekum wiase no mu nkyem anan mu biako nnɛ.”

12 Sɛ ɔko amma mmaa nyinaa mpo a, aduan a wodua ma ɛsɛe wɔ yɛn nnɛ wiase yi mu no taa de atesɛm mu nsɛmti te sɛ eyi a ɛbae wɔ 1974 mu no ba: “India wɔ ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so abiɛsa no sunsuma mu.” Afe 1976 mu: “Wiase a Ɔkɔm De No Rebedi Aduankɔm Kɛse.” Afei 1979 mu: “Ɔkɔm reyɛ akunkum nnipa ɔpepem 450.” Bere a wiase no mu nnipa bu bɔ ho no, sɛnea aduan ho asɛm te wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso na ɔko ayɛ hɔ pasaa mu no yɛ ahometew bere nyinaa. The Atlas World Press Review no kae wɔ New Scientist a wɔkyerɛw no May 1975, no mu sɛ: “Wiase aba ɔhaw bi a ɛbɔ ho abien mu. Ɔkɔm yɛ emu biako pɛ: nea ɛka ho ne aduan a ahoɔden wom a wonnya. FAO [Aduan ne Kuayɛ Ahyehyɛde] bu akontaa sɛ aman 97 a afei na wɔrenya nkɔso no mu 61 nyae anaasɛ wɔkraa aduan a esua koraa wɔ 1970 mu sen nea ehia ma wɔde ahwɛ wɔn nkurɔfo. Bere a FAO ammu ho akontaa ankɔ akyiri pii no, ɛka sɛ nnipa ɔpepem 460 nnya aduan a ahoɔden wom; ebia sɛ wɔbɛka no yiye a, dodow no bɛyɛ ɔpepepem 1.” Afei, wɔ 1990 mfe no mu no, tebea no asɛe koraa.

13. Nnɛyi nsɛm tebea ahorow ne osuro bɛn na wɔyɛɛ ho mfonini wɔ Adiyisɛm 6:6?

13 Bere a ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so abiɛsa no kɔ so tra ne pɔnkɔ no so no, ɛnne bi a efi soro teɛm sɛ: “Awi susukora taku, na aburow susukora abiɛsa taku; na ngo ne nsa de, nyɛ no hwee!” (Adiyisɛm 6:6) Esiane sɛ wɔde taku gyina hɔ ma da koro akatua nti, nokwarem no, odwumayɛni bi bo befuw wɔ ɛbo a akɔ soro kɛse no ho. Na so nneɛma bo a ɛyɛ den nkɔ so mma bo a akatua a mpapahwekwa nya nnɛ som no so ntew? Ná ahiade afoforo a ɛne “ngo” ne “nsa” nso ho bɛyɛ den. Na mfasopɛfo adifudepɛfo a wɔbɛpɛ sɛ wɔbɔ wɔn taamudi asetra no ho ban no nso ɛ? Ebesi wɔn yiye? Yebehu, bere a “ɔpɔnkɔbiri” no tu mmirika di asase so akɔneaba no.

‘ƆPƆNKƆ NSÕNSÕ BI, OKURA OWU’

14. Ɔkwan bɛn so na ɔpɔnkɔ a ɔto so anan no sotefo ne ne hokafo no ne nsɛm a esisi fi 1914 reba no hyia yiye?

14 Wɔtew nsɔano a ɛto so anan no ano, na “ɔpɔnkɔ nsõnsõ bi” kɔka apɔnkɔ a wotu mmirikaden no ho. Nea ɔte ne so no ne Owu. Nea odi n’akyi pɛɛ ne Asaman—sɛ́ ɔte ɔpɔnkɔ foforo so anaa ɛnte saa no, kyerɛwtohɔ no nka. Nanso wɔwɔ adwuma bi a ɛyɛ hu yɛ: “Na wɔmaa wɔn asase abupɛn anan mu biako so tumi sɛ wɔmfa afoa ne ɔkɔm ne owuyare ne owu ne asase so mmoa nkunkum wɔn.” (Adiyisɛm 6:7, 8) Efi saa 1914 a ɛyɛ hu reba no, Owu ne Asaman atrɛw akodu asase afannan nyinaa ampa.

15, 16. (a) Mmamu a ɛyɛ nwonwa bɛn na nkɔmhyɛ yi nyae wɔ 1918-1919 mu? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔpɔnkɔ yi akɔ so atu mmirikaden fi 1914 reba?

15 “Owuyare”! Wɔfrɛɛ no afe 1918-1919 sɛ nsanyare, anaasɛ Spania influensa. Adapɛn kakraa bi mu no, na wɔn a akunkum wɔn no yɛ wɔn a na wɔawuwu wɔ Wiase Ko I akono no mmɔho abien—anyɛ yiye koraa no, dodow nkabom no yɛ 21,000,000. Wɔ United States no, dodow a aban kyerɛe sɛ influensa no kunkum wɔn no yɛ 548,452, bɛboro Amerika asraafo a wokunkum wɔn ɔko no mu no dodow mmɔho 10. Na wɔn a ekunkum wɔn no mu dodow no ara yɛ mmerante ahoɔdenfo. Wɔ India no, wɔn a wowuwui no boro 12,000,000. Annyaw asasepɔn anaa nsupɔw biara—gye St. Helena supɔw no nko. Ekunkum Eskimo ne Afrika Mfinimfini nkuraa bi asefo nyinaa. Wɔ Tahiti no, wɔbɔɔ gyatannaa de hyew nnipa 4,500 a wowuwui nnafua 15 pɛ mu no afunu, na Samoa Atɔe Fam no, ɔyaredɔm no kunkum ɔman no mufo 38,000 no mu 7,500.

16 Nanso, ɛnyɛ Spania influensa no nkutoo ne owuyare a “ɔpɔnkɔ nsõnsõ” no sotefo no de bae. New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ 1915 mu no, konkurowa kunkum asraafo pii sen atuo aboba wɔ Gallipoli ho ko no mu. Efi 1914 besi 1923 mu no, cholera kunkum nnipa 3,250,000 wɔ India. Afe 1915 mu no, wɔkyerɛe sɛ typhus “kunkum [nnipa] fi ɔpepem abien ne fã kosi ɔpepem abiɛsa” wɔ Russia. Na bere a ɔpɔnkɔsotefo no tu mmirikaden ba nnansa yi mmere mu no, komayare ne kokoram abɛyɛ ade titiriw a ekunkum nnipa, kekae abɛyɛ “Owudifo a Ɔto So 2 wɔ Nsanyare Ahorow no mu,” na mmerɛbo yare abɛyɛ “Yare a Atu Apete Wiase Nyinaa.”

OGYE ABƐN!

17, 18. (a) Dɛn na ɔmanyɛfo bi kae a ɛkyerɛ abusuabɔ a ɛwɔ ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so abien, abiɛsa ne anan no ntam? (b) Nanso hena na wiase atumfoɔ bu wɔn ani gu ne so? (d) Dɛn nti na yɛn ani betumi agye wɔ nea Ɔhene nuonyamfo no bɛyɛ no ho?

17 Afei, bɛboro mfe 80 no, ‘ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ,’ “ɔpɔnkɔbiri” ne “ɔpɔnkɔ nsõnsõ” no bobɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn mmirikatu no mu, na Asaman di wɔn akyi pɛɛ. Ampa, Asaman anya awufo pii, a wɔn dodow du ɔpehaha pii. Ɛyɛ anigye sɛ Herbert Hoover a bere bi na ɔyɛ United States ɔmampanyin no, kae sɛ abusuabɔ da apɔnkɔsotefo baasa yi ntam, bere a ɔkaa eyi wɔ 1941 mu no: “Nea efi ɔko akɛseakɛse mu ba bere nyinaa ne ɔkɔm ne yaredɔm . . . Wiase Ko a ɛbae mfe aduonu anum ni no maa ɔkɔm dee nnipa 300,000,000. . . . Afe ne fã wɔ mprempren ko [Wiase Ko II] no akyi no, nnipa dodow a wɔreyɛ aboro nnipa a na wonnya aduan nni wɔ ɔko a etwaam no afe a ɛto so abiɛsa no so 100,000,000 nnya aduan nni.” Amanehunu bɛn ara na wiase ko a ɛto so abiɛsa de bɛbrɛ adesamma!

18 Wiase atumfoɔ nim nneɛma a apɔnkɔ “kɔkɔɔ,” ‘biri’ ne “nsõnsõ” no sotefo asɛe no no yiye. Nanso, wobu ani gu “ɔpɔnkɔ fitaa” no Sotefo no so. Anigye da no reba a Ɔhene nuonyamfo yi bedi dwuma de asakra sɛnea nneɛma kɔ so no! Ɔde asomdwoe besi ɔko ananmu. Ɔde aduan a abu so besi ɔkɔm ananmu. Sɛ́ anka yare bɛba mmom no, ɔbɛma adesamma asan anya akwahosan a ewie pɛyɛ, na Asaman mpo beyi awufo no ama. Nnwom no mu nkyekyem bi a ɛte sɛɛ ara kaa “ɔpɔnkɔ fitaa” no sotefo ho asɛm wɔ nsɛm yi mu sɛ:

“Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen, fa w’anuonyam ne w’ahensɛm bɔ wo ho so. Na fa w’ahensɛm no tew mu kɔ w’anim ma nokware ne trenee a wɔabrɛ no ase, na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’ade a ɛyɛ hu.” (Dwom 45:3, 4)

Ahenni Pɔnkɔsotefo no nkonimdi no rebɛn!

19. (a) Esiane Adiyisɛm 6:2-8 mmamu nti, ɛsɛ sɛ yɛhaw anaa? (b) Nhwɛso bɛn na wɔka ho asɛm de hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ den wɔ gyidi mu?

19 Enti, mommma tebea horow a ɛwɔ asase so nnɛ a ɛresɛe no nnhaw yɛn pii. Mmom no, momma yennya adwene te sɛ Yehowa Adansefo mu biako a esiane ne gyidi nti ɔde 1956 kosi 1978 mu mfe 20 daa afiase wɔ sohyialist man bi mu no. Bere bi wobuu no kumfɔ, na ɛde besi nnɛ ayayade a wɔyɛɛ no no ho atwã wɔ ne nsa ho. Ɛyɛɛ dɛn na okuraa gyidi a emu yɛ den mu? Ɔnam Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɔkae fii ne Bible adesua a ɔyeree ne ho yɛe bere a atwam no ho a odwenee so. Ose na eyinom mu biako ne Adiyisɛm 6:2. Ná ogye di denneennen sɛ wɔde “ɔpɔnkɔ fitaa” no Sotefo, Ɔhene Yesu Kristo, atra ahengua so wɔ ɔsoro wɔ 1914 mu, na na wasi ne bo sɛ obegyina ne tebea no mu araa akosi sɛ ‘obewie ne nkonimdi.’ Ɛmmra sɛ afoforo a wɔbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni “mmra” no nyinaa bɛkɔ so adi nokware akosi sɛ Ɔhene no bedi nkonim awie koraa!

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 123 adaka]

ƆPƆNKƆBIRI NO KƆ SO TU NE MMIRIKADEN NO

“Wiase Sikakorabea no bu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 780 a wɔwɔ wiase nyinaa di hia buruburoo, tebea a ‘ɛba fam koraa sen sɛnea wɔbɛka sɛ ɛfata ɔdesani asetra.’”—Detroit “Free Press,” September 1, 1980