Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ahenni no Kyerɛ ma Yɛn Asase Yi

Nea Ahenni no Kyerɛ ma Yɛn Asase Yi

Ti 3

Nea Ahenni no Kyerɛ ma Yɛn Asase Yi

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Ahenni no ba kyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen asase ne wɔn a wɔwɔ so no ho?

YESU mpaebɔ nhwɛso no de nsɛm yi toa so: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Yɛn asase yi, ne wɔn a wɔte ase ne wɔn a wɔatra ha nyinaa, ho asɛm hia Onyankopɔn yiye. Ɛno nti na Ahenni no bɛba ‘abɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no,’ na ayɛ nsiesiei ama awufo sɔre, na ayi ɔtamfo a ɔne owu afi hɔ na ayɛ yɛn asase yi ofie a anigye ne asomdwoe wom ama adesamma atra so.—Adiyisɛm 11:15, 18; 21:1, 3, 4.

2 Ɛnde, hwɛ ɔpɛ a emu yɛ den a ɛsɛ sɛ yenya sɛ yɛde nsɛm a ɛne sɛ, “W’ahenni mmra” no bɛbɔ mpae! Eyi yɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ ne Ba, Awurade Yesu Kristo, nsa. Ɛdenam ɛno so no, wɔbɛyɛ Yehowa a n’ankasa yɛ “mmeresanten Hene” no apɛde wɔ asase yi so ampa. Susuw nea ɛno bɛkyerɛ ama amanaman nyinaa mufo no ho hwɛ:

“ASOMDWOE-HENE” NO DI TUMI

3, 4. (a) Nkɔmhyɛ nsɛm bɛn na Amanaman Nkabom no fa maa ne ho a, ne nyinaa akyi no, adi nkogu, na dɛn ntia? (b) Ahyehyɛde bɛn nkutoo na ebetumi de daa asomdwoe aba, na ɛnam dɛn so?

3 Onyankopɔn diyifo no rehwɛ Kristo Ahenni tumidi kwan no, ɔka ne ho asɛm sɛ “Asomdwoe-Hene,” na ɔde ka ho sɛ, “n’ahenni mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei aba.” Odiyifo koro no ara ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Ɛwom sɛ wɔakyerɛw nsɛm a edi akyiri yi wɔ Amanaman Nkabom no dan ho de, nanso ɛnyɛ saa amanaman ntam ahyehyɛde a ɔko ama biakoyɛ nnim no na ɛbɛma nkɔmhyɛ no abam. Efisɛ Amanaman Nkabom no adi nkogu koraa sɛ ahyehyɛde a ɛde asomdwoe ne ahotɔ bɛba amanaman mu.—Yesaia 2:4; 9:6, 7.

4 Nokware asomdwoe a ɛtra hɔ daa hwehwɛ sɛ wɔde atɛntrenee bedi dwuma wɔ obiara ho, ade trenee a wɔyɛ ankasa. “Asomdwoe-Hene” no Ahenni nkutoo na ebetumi de eyi aba; ‘wɔde trenee bɛwowaw no na atim hɔ pintinn.’ Yiw, saa Ahenni no ne Onyankopɔn ahyehyɛde a ɔnam so de ‘asomdwoe bɛba asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani no mu.’—Yesaia 9:7; 32;17; Luka 2:14.

5. Bere a Ahenni no de asomdwoe ankasa asi hɔ no, nneɛma a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɛyɛ?

5 Ɔkwan bɛn so na Ahenni no nam bɛyɛ eyi? Titiriw no ɛnam ba a Onyankopɔn Ahenni a ɛnam “Asomdwoe-Hene” no so ‘bɛba’ abɛtoa wiase amanaman a wɔko no so. Dwom 46:8, 9 to nsa frɛ yɛn sɛ: “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew [ɔko] nteaseɛnam.” Ahenni no bɛbara akode a wɔde yɛ basabasa nyinaa. Afei nso, ɛremma nsɛmmɔnedifo ne mmonnaatofo nnantenantew mmɔnten so, efisɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu no, “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:9-11.

NKƆMHYƐ MFATOHO BI

6. Mmamu a ɛyɛ anigye bɛn na Bible nkɔmhyɛ nyae wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. no mu?

6 Bible nkɔmhyɛ ahorow pii kaa tete Israel nnommumfa ho asɛm. Wɔsom Babilon mfirihyia 70 wiei no, Israelfo nkaefo anokwafo bi san baa wɔn ankasa asase so wɔ afe 537 A.Y.B. mu. Saa bere no nyinaa na asase no ada hɔ sɛ amamfo, sɛ sare. Na afei de, esiane Yehowa nhyira a ɛbaa ne nkurɔfo so nti, nsakrae kɛse bi bae. Nkɔmhyɛ a wodii kan kyerɛwee mfehaha pii no baa mu anigye so:

“Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; wɔde Lebanon anuonyam, Karmel ne Safron ahyehyɛde, bɛma no; wobehu [Yehowa] anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.”—Yesaia 35: 1, 2; hwɛ Yesaia 65:18-25; Mika 4:4, nso.

7. Dɛn na afei yebetumi ahwɛ kwan ama yɛn asase yi bere a Onyankopɔn Ahenni ‘ba’ no?

7 Sɛnea abakɔsɛm di ho adanse no, nkɔmhyɛ ahorow yi nyaa mmamu a ɛyɛ nwonwa wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔsan de wɔn baa wɔn asase so no ho wɔ afeha a ɛbae bere a wɔmaa wofii Babilon no mu. Na sɛ Onyankopɔn Ahenni ‘ba’ sɛ ɛde nhyira rebrɛ Onyankopɔn mma a wɔwɔ asase so ha nyinaa a, ɛbɛyɛ nea esua sen saa wɔ paradise tebea horow a ɛbɛsan de aba yɛn asase yi so no mu anaa? Mmuae no yɛ Dabi a emu yɛ den! Nokwarem no, Ahenni no bɛhwɛ ma wɔadi mfiase ahyɛde a Onyankopɔn de maa adesamma sɛ ‘wɔnhyɛ asase so,’ na wɔmma ne nyinaa nnan sɛ Eden paradise no ho dwuma awie.—Genesis 1:28; 2:8-14; Yesaia 45:18.

ASASE NYINAA SO PARADISE

8. Wɔ Ahenni no ase no, dɛn na ɛbɛba aduan ne pɛtro so, na mmara bɛn na wɔde bedi dwuma ma aba saa?

8 Sɛ Onyankopɔn Ahenni ‘ba’ a, ɛmma sɛ aduan ho bɛyɛ nã na nneɛma bo ayɛ den, efisɛ “asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon.” Yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, ‘bɛma aduan afi asase mu. Na nsã ama ɔdesani koma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim hyɛɛhyɛɛ, na aduan awowaw ɔdesani koma.’ (Dwom 72:16; 104:14, 15) Aduan a wɔbɛkyekyɛ wɔ amanaman mu ho nsɛnnennen biara remma, wɔnkyerɛ aduan dodow a ɛsɛ sɛ obi tɔ, wɔrento santen nkɔtɔ pɛtro. Adifudepɛfo a wɔpɛ mfaso ntraso befi hɔ. Adesamma nyinaa bedi adehye mmara a ɛne “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so, na wɔne wɔn ho wɔn ho akyɛ nea ehia obiara.—Yakobo 2:8.

9. Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ biribiara renhaw adesamma saa bere no?

9 Afei nso yebetumi ahwɛ kwan sɛ Ahenni no bedi abɔde mu basabasayɛ ahorow te sɛ asasewosow ne ahum akɛse so. Yesu kyerɛɛ ɔkwan a obetumi afa so ayɛ eyi bere a ɔmaa “ahum kɛse” bi gyaee no. Enti, n’asuafo no hui sɛ “mframa ne po po tie no.” (Marko 4:37-41) Wɔ Onyankopɔn Ahenni no tumidibea a ɛne asase so nyinaa mu no, biribiara rentra hɔ a ɛhaw obi, epira no anaasɛ ɛde ɔsɛe ba.—Fa to Yesaia 11:6-9 ho.

10. Dɛn na Yesu anwonwade ahorow pii no kyerɛ fa Ahenni no ho?

10 Wɔrenhia ayaresabea akɛse a wɔde wɔn a wɔyare wɔ nnipadua ne adwene mu begu hɔ bio. Wobetu komayare, kokoram ne nyarewa afoforo a egurow nnipa ase, efisɛ Oduruyɛfo Kɛse, Yesu Kristo, de ne gye afɔrebɔ no bo bɛsa “amanaman no yare.” Anwonwa kwan a Yesu nam so saa nyarewa pii na onyan awufo no yɛ nea ɔnam n’Ahenni nniso a tumi wom no so bɛyɛ no ho nhwɛso kakraa bi. Wobeyi adesamma owu tebea a wɔde woo wɔn no mpo afi hɔ, efisɛ wɔma yɛn awerɛhyem sɛ “owu nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4; 22:1, 2; Mateo 11:2-5; Marko 10:45; Romafo 5:18, 19.

11. Wɔ Yesu Ahenni tumidi no mu no, anigye bɛn na ebebunkam biribiara so?

11 Na anigye bɛn ara ni!—amusiei ahorow rensɛe asase ani bio, efisɛ saa bere no na wɔama eyinom mpo adeda mpan. Owusɔre mu “mmakan,” a wɔyɛ Yesu asuafo anokwafo 144,000 no bɛkɔ akɔka ne ho wɔ ɔsoro sɛ n’ahokafo wɔ n’Ahenni no mu. Yesu bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ anigye a ese awufo nkae “a wɔwɔ ada mu . . . bɛte ne nne, na wɔafi adi” no nso bɛbam. Eyinom benya hokwan a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wɔbɛma wɔadan nnipa a wɔyɛ pɛ sɛ Ahenni no nkoa wɔ asase so ha.—Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 14:1-5; 20:4-6, 11, 12.

12. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛtra ase daa wɔ paradise? (b) Sɛnea Yohane 17:3 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛakɔ hɔ?

12 Wopɛ sɛ woyɛ wɔn a wɔbɛtra ase ahu sɛ wɔapra nsɛmmɔnedi nyinaa afi asase so na wɔasakra no ayɛ anigye paradise no mu biako anaa? Wopɛ sɛ wotra ha na woama awufo a wɔanyan no akwaaba? Wopɛ sɛ wotra ase daa wɔ asase a wɔama ɛso ayɛ fɛfɛɛfɛ no so—baabi a onyin mma obi nyɛ mmerɛw anaasɛ da biara da asetra mu anigyede mfono no da anaa? Wubetumi, sɛ wudi nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ ma wɔde anya nkwa no akyi a. Yesu kaa no tiawa, bere a ɔka kyerɛɛ n’Agya wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Hokwan bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra ase daa wɔ paradise, bere a “[Yehowa] anuonyam hu bɛhyɛ asase so ma sɛ nsu kata ɛpo so” no!—Habakuk 2:14.

“YƐN DAA ADUAN NNƐ”

13. Dɛn nti na yebetumi abɔ mpae ahotoso mu sɛ “ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ”?

13 Nanso, yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no dwen mprempren ahiade ho kɛse. Wɔ yɛn mu pii fam no, asetrade a yebenya na yɛahwɛ yɛn mmusua no abɛyɛ asɛnnennen ankasa. Enti ɛnyɛ hia nko na ehia sɛ yɛbɔ Agya no mpae sɛ ɔntew ne din kɛse no ho na ɔmma wɔnyɛ n’apɛde wɔ asase so denam n’Ahenni no ba so; ɛho hia nso sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae bisa yɛn da biara da ahiade, “yɛn daa aduan nnɛ.” Eyi na yebetumi ayɛ wɔ ahotoso koraa mu sɛ, sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛtra ase sɛnea Onyankopɔn trenee nnyinasosɛm ahorow te na yɛde n’Ahenni ho nneɛma di kan wɔ yɛn asetra mu a, Onyankopɔn bɛyɛ ne fam de sɛ Ɔdemafo Kɛse. Ɛte sɛ nea Yesu kɔ so ka kyerɛ yɛn no ara, sɛ: “Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—Mateo 6:11, 31-33.

“FA YƐN AKA FIRI YƐN”

14, 15. (a) Bere a yɛde Mateo 6:12 mu nsɛm bɔ mpae no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade? (b) Wɔ eyi mu no, nhwɛso a ɛyɛ nwonwa bɛn na yebetumi asuasua?

14 Wɔ abusuabɔ a emu yɛ den a yɛbɛma atra yɛne yɛn Agya no ntam mu no, ehia sɛ yɛde ahobrɛase hu sɛ yɛde no ka, na yegye yɛn bɔne a yɛyɛ tia Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa no tom. Ɛnde na ɛfata sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka.”—Mateo 6:12.

15 Sɛ ayamye a ɛyɛ nwonwa a ɛnsɛ yɛn koraa no, Onyankopɔn somaa ne Ba, Yesu, baa wiase, sɛnea ɛbɛyɛ na “ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” Eyi de nea wobegyina so de yɛn bɔne afiri yɛn no ma. (Mateo 20:28) Hwɛ sɛnea Onyankopɔn mmɔborohunu a ɔnam saa kwan yi so ayi adi akyerɛ adesamma nnebɔneyɛfo no yɛ kɛse fa! Ɛnde, na ntease a emu yɛ den bɛn ara na yɛwɔ sɛ yebu ani gu yɛn mfɛfo nnipa mmerɛwyɛ so sɛɛ yi! Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsen saa koraa mpo: sɛ́ yɛde bɔne ahorow a anibere wom a wɔyɛ tia yɛn no mpo befiri. Wɔ saa kwan yi so no yebetumi ayi ɔdɔ a emu yɛ den a Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ agyiraehyɛde a wɔde behu nokware Kristofo no adi akyerɛ afoforo.—Yohane 13:35; Kolosefo 3:13; 1 Petro 1:22.

“GYE YƐN FI ƆBƆNE NO NSAM”

16, 17. (a) Yɛbɛte asɛm, “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu” no ase dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ayɛ yɛn ade ma ɛne mpae a yɛbɔ sɛ ‘wonnye yɛn mfi ɔbɔne no nsam’ no ahyia?

16 Awiei no, Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu na gye yɛn fi ɔbɔne no nsam.” (Mateo 6:13, ase hɔ asɛm) Mommma yennsusuw sɛ Onyankopɔn ma sɔhwɛ ahorow ba yɛn kwan mu na ama yɛahwehwe ase. Mmom no, saa Onyankopɔn anim otuatewfo bɔne, Satan, a ɔpɛ sɛ ɔdan yɛn fi Onyankopɔn ho no na ɔyɛ saa.

17 Nanso Agya no siesie yɛn ‘na yɛatumi agyina ne Ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi,’ yiw, na yɛne no ne ahonhommɔne dɔm a odi wɔn so no adi asi na yɛadi nkonim. Sɛnea ɛbɛyɛ na ‘wɔamfa yɛn ankɔ sɔhwɛ mu’ no, Onyankopɔn ama yɛn honhom mu akode a edi mũ a yebetumi ahyɛ. Ɔsomafo Paulo ka ho asɛm wɔ Efesofo 6:10-18. Bere a yegyina pintinn de nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn no di dwuma na yɛbɔ mpae no, Agya no bɛhwɛ na ‘wɔamfa yɛn ankɔ sɔhwɛ mu,’ na mmom ‘wɔagye yɛn afi ɔbɔne no nsam.’—1 Petro 5:6-9.

18. Sɛ yɛbɔ ne nyinaa mua a, dɛn na ɛwɔ Mpaebɔ Nhwɛso no mu?

18 Ɛmmra sɛ, Yehowa ‘Ahenni no bɛba’ abɛtew ne din kɛse no ho ntɛm. Ɛmmra sɛ ne pɛ bɛyɛ hɔ wɔ asase so denam nnebɔne nyinaa a wobeyi afi hɔ na wɔayɛ asase yi nyinaa paradise de ayi no ayɛ so. Bere dodow a mprempren nhyehyɛe bɔne yi da so wɔ hɔ no, ɛmmra sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no bɛma yɛn yɛn asetrade na waboa yɛn ma yɛakura yɛne afoforo ntam abusuabɔ pa mu na wagye yɛn afi Satan nsam. Eyinom ne nneɛma a Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae. Ne nyinaa wɔ ne mpaebɔ nhwɛso no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 25 adaka]

NEA ONYANKOPƆN AHENNI BƐYƐ

● Ɛbɛma Yehowa amansan tumidi so, ɛde Satan tumidi bɛba awiei.

● Ɛbɛpopa atoro som ne atumfo nhyɛsofo afi asase so.

● Ɛde Kristo Ahenni bɛba sɛ “Asomdwoe-Hene.”

● Ɛbɛma asase nyinaa adan paradise fɛfɛɛfɛ.

● Ɛbɛma afie, aduan ne ngo abu so.

● Ɛde abusua a egyina yɔnko dɔ so besi hɔ.

● Ebedi asase so abɔde tumi so, na asiw asiane ahorow ano.

● Ebeyi adwennwene, ɔhaw, nyarewa, ɛyaw, onyin, afi hɔ.

● Ɛbɛsɛe ɔtamfo a ɔne owu, nyarewa ne awerɛhow nyinaa.

● Ebenyan awufo ɔpepepem ma wɔabɛtra ase daa wɔ asase so.