Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ti 14 Nkekaho

Ti 14 Nkekaho

Ti 14 Nkekaho

Abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ Kores asraafo ko faa Babilon wɔ October 539 A.Y.B. mu. Ná Nabonido ne ɔhene saa bere no, nanso na ɔne ne ba Belsasar na wodi Babilon so. Nhomanimfo bi akyerɛkyerɛw Babilonfo Foforo no ahemfo din ne bere tenten a wɔde dii hene, efi Nebukadnesar agya Nabopolassa so besi Nabonido afe a edi akyiri no so.

Sɛnea saa Babilonfo Foforo no mmerebu kyerɛ no, Ɔhene ba Nebukadnesar dii Misrifo so nkonim wɔ Karkemis ɔko no mu wɔ 605 A.Y.B. mu. (Yeremia 46:1, 2) Nabopolassa wu akyi no, Nebukadnesar san baa Babilon bɛtraa ahengua no so. N’ahenni afe a edi kan fii ase wɔ fefɛw bere a edi hɔ no mu (604 A.Y.B.).

Bible bɔ amanneɛ sɛ Babilonfo a na wɔwɔ Nebukadnesar ase no sɛee Yerusalem wɔ n’ahenni afe a ɛto so 18 no mu (sɛ wɔde bere a ɔtraa ahengua so no ka ho a na ɛyɛ nea ɛto so 19). (Yeremia 52:5, 12, 13, 29) Ne saa nti, sɛ obi gye Babilonfo Foforo no mmerebu a ɛwɔ atifi hɔ no tom a, na Yerusalem amamfoyɛ no bae bɛyɛ afe 587/6 A.Y.B. Nanso dɛn so na wiase mmerebu yi gyina, na sɛ wɔde toto Bible mmerebu no ho a, na ɛte dɛn?

Adanse atitiriw bi a saa wiase akontaabu yi gyina so ne:

Ptolemy’s Canon: Ná Claudius Ptolemy yɛ Hela nsoromma ho ɔdenimfo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu. Ne Nhoma, anaasɛ ahemfo din a ɔkyerɛkyerɛwee no, fa nsoromma ho nimdeɛ nhoma bi a ɔkyerɛwee no ho. Nnɛyi abakɔsɛm akyerɛwfo dodow no ara gye Ptolemy nsɛm a ɔka faa Babilonfo Foforo no ahemfo ho ne bere tenten a wɔde dii hene no tom (ɛwom sɛ Ptolemy amfa Labashi-Marduk ahenni no anka ho de). Ɛda adi pefee sɛ Ptolemy de n’abakɔsɛm mu nsɛm no gyinaa nhoma ahorow a wɔkyerɛw no Seleucid bere a efii ase bɛboro mfe 250, bere a Kores ko faa Babilon akyi no so. Ne saa nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Ptolemy akontaabu no ne Berossus, Seleucid bere so Babilon sɔfo bi, de no hyia.

Nabonidus Harran Stele (NABON H 1, B): Wohuu saa bere no so stele, anaasɛ adum a nkyerɛwee bi wɔ so, no wɔ 1956 mu. Ɛbɔ Babilonfo Foforo no ahemfo a wɔne Nebukadnesar, Evil-Merodach ne Neriglissar ahenni no din. Mfe dodow a ɛde maa baasa yi ne nea efi Ptolemy Nhoma no mu no hyia.

VAT 4956: Eyi yɛ cuneiform ɔbopon bi a ɛde nsoromma ho nimdeɛ ho asɛm bi a wɔkyerɛwee wɔ afe 568 A.Y.B. mu ma. Ɛka sɛ nea wɔaka no yɛ Nebukadnesar afe a ɛto so 37 no mu nsɛm. Ná eyi ne mmerebu a ɛkyerɛ sɛ n’ahenni afe a ɛto so 18 no yɛ afe 587/6 A.Y.B. no hyia. Nanso, wɔagye atom sɛ ɔbopon yi yɛ nea wɔhwɛɛ bi so yɛe afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu ma enti ebetumi aba sɛ na wogye emu abakɔsɛm mu nsɛm no tom wɔ Seleucid bere no mu.

Business tablets: Wɔahu Babilonfo Foforo no cuneiform abopon mpempem a aguadi mu nkitahodi a emu da hɔ ho nsɛm ntiantia wɔ so a ɛka Babilon hene no afe ko a dwumadi no kɔɔ so wom no. Wɔahu mfe dodow a Babilonfo Foforo no ahemfo de dii hene no mu abopon a ɛtete saa wɔ mmerebu a na wogye tom saa bere no mu.

Wɔ wiase no fam no, adanse a ɛtete saa betumi ayɛ sɛ nea Babilonfo Foforo no mmerebu no si Nebukadnesar afe a ɛto so 18 (ne Yerusalem sɛe) afe 587/6 A.Y.B. no so dua. Nanso abakɔsɛm kyerɛwfo biara nni hɔ a obetumi akyerɛ sɛ entumi mma sɛ mprempren Babilon ho abakɔsɛm no yɛ nnaadaasɛm anaasɛ nea mfomso wom. Sɛ nhwɛso no, wonim sɛ na tete asɔfo ne ahemfo no taa sakra kyerɛwtohɔ ahorow de di wɔn ankasa atirimpɔw ho dwuma. Anaasɛ, sɛ adanse a wɔahu no mpo yɛ nokware a, nnɛyi nhomanimfo betumi akyerɛ ase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ anaa enni mu so ama nneɛma a wonnya nhui atumi asakra bere no mu mmerebu no kɛse.

Akyinnye biara nni ho sɛ saa nokwasɛm ahorow yi a ohu nti, Ɔbenfo Edward F. Campbell, Jr., yɛɛ akontaabu pon bi, a saa bere no mu Babilonfo ho mmerebu ka ho, ne kɔkɔbɔ a ɛne sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma a wɔakyerɛkyerɛw yi yɛ bere tiaa mu de. Dodow a obi kɔ so sua tete Apuei Fam a Ɛbɛn ho mmerebu mu nsɛm a emu yɛ den ho ade no, dodow no ara na ɔkɔ so hu sɛ nea wɔaka biara nyɛ nea etwa to. Eyi nti, asɛmfua circa [bɛyɛ] yɛ nea wobetumi de adi dwuma mpɛn pii mpo sen sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.”—The Bible and the Ancient Near East (1965 de), kr. 281.

Kristofo a wogye Bible di ahu mpɛn pii sɛ emu nsɛm tumi gyina ɔkasatia pii ano na wɔadi adanse sɛ ɛyɛ nokware na obi betumi de ne ho ato so. Wohu sɛ, sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no, wobetumi de adi dwuma sɛ susudua de abu wiase abakɔsɛm ne adwenhorow ho akontaa. (2 Timoteo 3:16, 17) Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ Bible kaa Belsasar ho asɛm sɛ Babilon sodifo de, nanso mfehaha pii no na nhomanimfo adwene ayɛ basaa wɔ ne ho, efisɛ na wiase nhoma biara nni hɔ a ɛka n’asetra, onipa ko a ɔyɛ anaasɛ ne dibea ho asɛm. Nanso, awiei no, wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tetefo nneɛma huu wiase kyerɛwtohɔ ahorow pii a esii nea Bible kae no so dua. Yiw, sɛnea Bible mu nsɛm hyia ne ahwɛyiye a n’akyerɛwfo yɛe wɔ mmerebu ho nsɛm mu mpo no kamfo no denneennen kyerɛ Kristoni ma obu tumi a ɛwom no sen wiase abakɔsɛm akyerɛwfo adwenhorow a ɛsakrasakra bere nyinaa no.

Nanso ɔkwan bɛn so na Bible no boa yɛn ma yehu bere ko a wɔsɛee Yerusalem, na sɛ wɔde eyi toto wiase mmerebu ho a, na ɛte dɛn?

Odiyifo Yeremia hyɛɛ nkɔm sɛ Babilonfo bɛsɛe Yerusalem na wɔayɛ kurow no ne asase no amamfõ. (Yeremia 25:8, 9) Ɔde kaa ho sɛ: “Na asase yi nyinaa bɛdan amamfo ne ahodwiriwde, na amanaman yi asom Babel hene mfirihyia aduɔson.” (Yeremia 25:11) Mfirihyia 70 no baa awiei bere a Kores Ɔkɛseɛ no gyaee Yudafo ma wɔsan kɔɔ wɔn man mu, n’afe a edi kan no mu. (2 Beresosɛm 36:17-23) Yegye di sɛ Yeremia 25:11 ne kyerɛw nsɛm afoforo no kenkan a ɛyɛ tee sen biara ne sɛ mfirihyia 70 no befi ase afi bere a Babilonfo sɛee Yerusalem na wogyaw Yuda asase no amamfo no.—Yeremia 52:12-15, 24-27; 36:29-31.

Nanso wɔn a wɔde wɔn ho to wiase nsɛm so titiriw de bu saa bere no hu sɛ, sɛ wɔsɛee Yerusalem 587/6 A.Y.B. a, ɛda adi pefee sɛ annu mfirihyia 70 ansa na wodii Babilon so nkonim na Kores maa Yudafo san kɔɔ wɔn ankasa asase so. Mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma nsɛm ahyia no mu no, wɔka sɛ Yeremia nkɔmhyɛ no fii ase baa mu wɔ 605 A.Y.B. mu. Nhoma akyerɛwfo a wɔbaa akyiri yi fa Berossus nsɛm ka sɛ Karkemis ɔko no akyi no, Nebukadnesar trɛw Babilon tumi mu kɔɔ Siria ne Palestina nyinaa na, bere a ɔresan aba Babilon (wɔ afe a ɔde traa ahengua so, 605 A.Y.B. mu) no, ɔfaa Yudafo nkoa kɔɔ nnommumfa mu. Ne saa nti wobu mfirihyia 70 no sɛ bere a wɔde som Babilon sɛ nkoa a efii ase fii afe 605 A.Y.B. Ná ɛno bɛkyerɛ sɛ mfirihyia 70 bere no bewie du afe 535 A.Y.B.

Nanso nsɛnnennen ahorow bi wɔ saa nkyerɛase yi ho:

Ɛwom sɛ Berossus kyerɛ sɛ Nebukadnesar faa Yudafo nnommum afe a ɔbɛtraa ahengua so no mu de, nanso cuneiform nkyerɛwee biara nni hɔ a ɛfoa eyi so. Nea ɛda adi yiye no, Yeremia 52:28-30 tɔ ne bo ase bɔ amanneɛ sɛ Nebukadnesar faa Yudafo nnommum n’afe a ɛto so ason no mu, n’afe a ɛto so 18 ne n’afe a ɛto so 23 no mu, na ɛnyɛ afe a ɔbɛtraa n’ahengua so no. Afei nso, Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka sɛ afe a wɔkoe wɔ Karkemis no mu no, Nebukadnesar dii Siria ne Palestina nyinaa so nkonim, “gye Yudea nko,” ma enti eyi bɔ Berossus asɛm no abira, na ɛne kyerɛ a ɔkyerɛ sɛ Yudafo mfirihyia 70 nkoasom no fii ase wɔ afe a Nebukadnesar bɛtraa ahengua so no mu no nhyia.—Antiquities of the Jews X, vi, 1.

Afei nso, Josephus ka sɛe a Babilonfo sɛee Yerusalem no ho asɛm wɔ baabi foforo, na afei ose “Yudea ne Yerusalem nyinaa, ne asɔrefi no, kɔɔ so yɛɛ amamfõ mfirihyia aduɔson.” (Antiquities of the Jews X, ix, 7) Ɔkaa no pen sɛ “yɛn kuropɔn no yɛɛ amamfõ mfirihyia aduɔson kosii Kores nna no mu.” (Against Apion I, 19) Eyi ne 2 Beresosɛm 36:21 ne Daniel 9:2 hyia sɛ na mfirihyia 70 a wɔhyɛɛ ho nkɔm no yɛ mfirihyia 70 a asase no dan amamfõ koraa. Afeha a ɛto so abien (Y.B.) mu ɔkyerɛwfo Teofilo a ofi Antiokia no nso kyerɛe sɛ mfirihyia 70 no fii ase bere a wɔsɛee asɔrefi no wɔ bere a na Sedekia adi hene mfirihyia 11 akyi no.—Hwɛ 2 Ahene 24:18-25:21 nso.

Nanso Bible no ankasa de adanse a etu mpɔn kɛse ma a etia ka a wɔka sɛ mfirihyia 70 no fii ase 605 A.Y.B. mu ne sɛ wɔsɛee Yerusalem afe 587/6 A.Y.B. no. Sɛnea yɛaka no, sɛ yɛbɛkan afi afe 605 A.Y.B. a, anka mfe 70 no bɛba abedu afe 535 A.Y.B. mu. Nanso, Bible kyerɛwfo Esra a wɔde honhom kaa no no bɔɔ amanneɛ sɛ mfe 70 no kɔɔ so koduu “Persia hene Kores afe a edi kan mu,” nea ɔhyɛɛ mmara maa Yudafo no kwan sɛ wɔnsan nkɔ wɔn asase so no. (Esra 1:1-4; 2 Beresosɛm 36:21-23) Abakɔsɛm akyerɛwfo gye tom sɛ Kores dii Babilon so nkonim afe 539 A.Y.B. wɔ October mu, na Kores ahenni afe a edi kan no fii ase afe 538 A.Y.B. fefɛw bere. Sɛ Kores mmara a ɔhyɛe no bae n’ahenni afe a edi kan no awiei mu hɔ a, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ Yudafo no bɛsan akodu wɔn asase so wɔ ɔsram a ɛto so ason (Tishri) mu sɛnea Esra 3:1 ka no; ná eyi bɛyɛ October 537 A.Y.B.

Nanso, ɔkwan a ntease wom biara nni hɔ a wɔbɛfa so ama Kores afe a edi kan no afi 538 akosi 535 A.Y.B. Ebinom a wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ asɛnnennen no mu no ayere wɔn ho denneennen akyerɛ sɛ bere a Esra ne Daniel ka “Kores afe a edi kan” ho asɛm no, na wɔde Yudafo adwene pɔtee bi na ɛredi dwuma a ɛyɛ soronko wɔ sɛnea wɔkan Kores ahenni mfe no ankasa ho. Nanso mfa nyɛ nnyinaso, efisɛ amrado bi a ɔnyɛ Yudani ne nhoma bi a efi Persiafo ɔman kyerɛwtohɔ ahorow akorae gye tom sɛ ahyɛde no bae wɔ Kores afe a edi kan no mu, sɛnea Bible akyerɛwfo no de ahwɛyiye bɔɔ ho amanneɛ tẽẽ no.—Esra 5:6, 13; 6:1-3; Daniel 1:21; 9:1-3.

Yehowa ‘asɛmpa’ no ne mfirihyia 70 a wɔkaa ho asɛm siei no wɔ abusuabɔ efisɛ Onyankopɔn se:

“Na sɛ [Yehowa] se ni: Mfirihyia aduɔson nya du ma Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no abam ama mo, sɛ mede mo mɛsan aba ha yi.” (Yeremia 29:10)

Daniel de ne ho too saa asɛm no so, na ogye dii sɛ na mfirihyia 70 no nyɛ ‘dodow bi a ennu nea wɔhwehwɛ na wɔde nea aka no aka ho ma abɔ ano’ na mmom dodow pɔtee a wobetumi de ho ato so. (Daniel 9:1, 2) Na ɛno daa adi sɛ ɛte saa.

Saa ara nso na yɛpɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm titiriw na ɛkyerɛkyerɛ yɛn kwan na ɛnyɛ mmerebu a egyina wiase adanse so titiriw anaa ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia. Ɛda adi pefee sɛ nsɛm a Bible no ka no mu ntease a ɛyɛ mmerɛw na ɛyɛ tẽẽ sen biara ne sɛ mfirihyia 70 no fii ase fii bere a wɔmaa Yuda danee amamfõ wɔ Yerusalem sɛe akyi no. (Yeremia 25:8-11; 2 Beresosɛm 36:20-23; Daniel 9:2) Ne saa nti, sɛ yefi bere a Yudafo san kɔɔ wɔn ankasa asase so 537 A.Y.B. mu no kan mfirihyia 70 kɔ yɛn akyi a, yebedu afe 607 A.Y.B. a ɛne bere a wɔ Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so 18 no mu no, ɔsɛee Yerusalem na otuu Sedekia fii ahengua no so na ɔde Yudea ahemfo a wɔtraa ahengua so wɔ asase so Yerusalem no baa awiei no.—Hesekiel 21:19-27.