Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“W’ahenni Mmra”!

“W’ahenni Mmra”!

Ti 1

“W’ahenni Mmra”!

1.Nsemmisa a Wosusuw Ho: 1. Wobɛte nka dɛn wɔ Onyankopɔn Ahenni ho, sɛ ɛde tebea horow a wɔayɛ ho mfonini wɔ ha no ba nnansa yi ara a?

MPAEBƆ nsɛm kakraa bi na wɔaka no mpɛn pii asen nea ɛwɔ atifi hɔ no. Ebia wo a worekenkan yi, woabɔ saa mpae no bi pɛn. Na ampa ara sɛ yehia Onyankopɔn Ahenni! Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye kɛse sɛ wobɛtra ase wɔ tebea horow a wɔayɛ ho mfonini wɔ nkratafa yi mu no mu! Na ɛno ne anidaso a Onyankopɔn Ahenni no ma yenya: Asomdwoe ne biakoyɛ wɔ asase nyinaa so. Adesamma mmusua a aka abom wɔ nokware dɔ ne biakoyɛ mu. Obiara ani gye sɛ ɔyɛ adwuma a ɛsow aba na odi ne brɛ mu aba. Nnomaa nnwonto ne adesamma a wɔn ani agye nnwonto ne ɔserew ara na wote wɔ baabiara. Adesamma abusua a wɔte apɔw wɔ wiase nyinaa a obiara remmɔ akwakora anaa aberewa anaasɛ ɔnyare. Asomdwoe a wɔne mmoa benya, nhwiren hua, nwura ne nnua a ɛyɛ fɛ ne wim nsakrae a ɛkɔ so daa. Yiw, eyi nyinaa ne pii a ɛkeka ho na wɔahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba yɛn asase yi so bere a Onyankopɔn Ahenni no aba, sɛnea yebehu no.

2, 3. Nsakrae horow a aba nnansa yi mfe mu bɛn na esi so dua sɛ yehia Onyankopɔn Ahenni?

2 Nanso, ɛsono sɛnea nneɛma te nnɛ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ yɛrefa mmere a Bible ka ho asɛm sɛ “emu yɛ den” no mu. (2 Timoteo 3:1) Wunim sɛnea saa mmere a emu yɛ den yi aka w’ankasa asetra. Wɔn a wɔbɛkenkan nsɛm yi mu pii ahwere wɔn adɔfo wɔ afeha yi mu akodi ne amumɔyɛsɛm afoforo mu. Nanso amanaman no de wɔn ho ahyɛ akodeyɛ mu akansi a emu yɛ den sen biara mu. Na wɔwɔ akode a ɛdɔɔso koraa sen nea wobetumi de atɔre adesamma nyinaa ase dedaw.

3 Nsɛnnennen afoforo, a ɛbɛn yɛn pɛɛ, nso fa yɛn ho. Adwowtwa, awudi ne mmonnaato a adɔɔso nti, yɛn mu pii hu sɛ asiane wom sɛ yɛbɛfa mmɔnten so mpo. Na yɛnte awaregu, mmusua a emu atetew ne mmofrabɔnesɛm ho nsɛm pii nsen kan no anaa? Esiane sɛ yɛwɔ mmere a wɔma ɔbarima ne ɔbea nna ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ho kwan mu nti, nnipa pii suro sɛ wɔbɛma wɔn mma akɔ aban sukuu. Sɛ wote baabi anaa ɔman bi a saa nsɛnnennen yi nnya mpuee hɔ a, ɛsɛ sɛ w’ani sɔ ankasa!

4, 5. (a) Nsɛnnennen foforo bɛn na ɛka yɛn asetra? (b) Wiase nsɛm a ɛrekɔ so bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛho hia sɛ ‘Onyankopɔn Ahenni no ba’ ntɛm?

4 Ɛnnɛ ɛka ahe na wobɔ de nya aduan di? Na sika ahe na wode tɔ pɛtro gu wo kar mu? Bere a aduan ne pɛtro bo kɔ soro no, wiase tebea a ehinhim no ma daakye yɛ hu. Ɛhe na yɛn wiase yi rekɔ? Asɛm bi a wɔkyerɛwee wɔ U.S. News & World Report a ɛbae August 4, 1980 mu no sii aniberesɛm a tebea no yɛ no so dua. Ɛkae sɛ: “Sɛ wɔanhwɛ anyɛ nneɛma foforo akɛse bi a, mfe 20 a ɛbɛba no, wiase no bɛyɛ okyinnsoromma a ɛso ayɛ fĩ, na asomdwoe nni so a ahiafo ɔpepepem pii pere fom emu nneɛma a ɛho yɛ nã na ne bo yɛ den no. Kuw bi a ɔmampanyin paw wɔn a wɔrewie mfirihyia abiɛsa nhwehwɛmu bi na ɛde saa kɔkɔbɔ no mae wɔ July 24.” Nneɛma a nhwehwɛmu no daa no adi no bi ne sɛ ebedu afe 2000 no, na nnipa dodow a wɔwɔ wiase adu ɔpepepem 6.3,—sɛ woyi sika a ɛso bɛtew to nkyɛn a—aduan bo bebu abɔ ho, anhweatam bɛtrɛw na kwae ayera, na anyɛ yiye koraa no wiase pɛtro no fã bɛsa. Kyerɛ sɛ, sɛ mprempren nhyehyɛe no bɛtra hɔ akosi saa bere no a!

5 Dɛn na aman nkorɛnkorɛ, anaasɛ Amanaman Nkabom no mpo atumi ayɛ wɔ asɛm yi ho? Kakraa bi pɛ na wɔatumi ayɛ de besi nnɛ. Ne nyinaa kyerɛ sɛnea yehia Onyankopɔn Ahenni no ntɛm!

Dɛn Ne Saa Ahenni No?

6. Sɛ nnipa koma mu ara kwa na Onyankopɔn Ahenni wɔ a, dɛn nti na anka ebedi yɛn huammɔ?

6 So ɛyɛ tebea bi a ɛwɔ gyidifo koma mu ara kwa anaa? Ɔkwan foforo so no, sɛ wɔsakra nkurɔfo pii kɔ Kristosom mu a, na Onyankopɔn Ahenni aba anaa? Nnipa bi asusuw saa, de wɔn nsa akyerɛ Luka 17:21 a ɛka sɛ: “Onyankopɔn ahenni no, mo mu na ɛwɔ” no so. Nanso sɛ nea wɔka no yɛ nokware a, ɛnde Onyankopɔn Ahenni no nam nkyɛn koraa mmom. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ wɔde wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no dodow toto afoforo a wɔwɔ wiase nnɛ no ho a, Kristofo no nnu ɔha biara mu nkyem 25, na ɛso rehuan. Afei nso, asɔremma ɔpepehaha pii wɔ hɔ a wɔntaa nkɔ asɔre.

7, 8. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no mu hwehwɛ bɛboa yɛn ma yɛahu nea Luka 17:21 kyerɛ ankasa?

7 Afei nso, susuw eyi ho hwɛ: Henanom na na Yesu ne wɔn rekasa bere a ɔkae sɛ, “Onyankopɔn ahenni no, mo mu na ɛwɔ” no? Ná ɛyɛ Farisifo nyaatwomfo a Yesu kaa Onyankopɔn nsɛm a odiyifo Yesaia ka faa wɔn ho no sɛ: “Wɔn koma ne me ntam kwan ware” no. (Mateo 15:1, 8, AV; Yesaia 29:13) Ná ɛbɛyɛ dɛn na Ahenni no atumi ahyɛn saa koma a ɛyɛ den no mu? Ɛnde na Yesu nsɛm no ase ne dɛn? Nea ɛbɛboa ama yɛate ase ne King James Version a wɔakyerɛkyerɛw ano no. Ɛhɔ na wɔde ɔkwan foforo a wobetumi afa so akenkan no ma sɛ: “Onyankopɔn ahenni no wɔ mo mfinimfini.” Na saa ara na ɛkenkan wɔ Bible nkyerɛase afoforo pii mu te sɛ Katolek Jerusalem Bible ne The New English Bible no mu.

8 Enti, afei, ɛha no, na Yesu reka n’ankasa, Ɔhene a wɔapaw no, no ho asɛm sɛ ɔwɔ wɔn mfinimfini. Ná ɔwɔ wɔn mfinimfini ampa, sɛ onipa ankasa. Ná ɛsɛ sɛ eyi ma yɛte ase nso sɛ Ahenni no yɛ ahenni ankasa, nniso ankasa, sɛnea ne Hene no nso yɛ obi ankasa no.

Wɔ A Ɛwɔ Hɔ Ankasa Nnɛ

9, 10. Dɛn ne ahenni ankasa, na ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ mfaso ama ne mma?

9 Ɛnnɛ, aman a ahemfo di so kakraa bi na aka wɔ asase yi so. Ɛyɛ nniso ankasa a Norway, United Kingdom, Jordan ne Nepal ka ho, sɛ yɛbɛbobɔ ebi din a. Aman yi mu no, ɔhene (anaa ɔhemmaa) bi wɔ hɔ a sodifo afoforo ka ne ho a wodi dwuma sɛ mmarahyɛ baguafo, sodikuw anaa nniso kuw foforo bi. Saa sodikuw a sɛ wɔde toto ho a wɔyɛ ketewaa bi yi ase na nnipadɔm no hyɛ yɛ wɔn da biara da asetra mu nneɛma. Wɔne ahenni no mma.

10 Baabi a nkurɔfo no yiyedi ho asɛm hia ɔhene no ne ne mpanyimfo yiye no, ahenni no betumi ama wɔanya mfaso horow pii. Ná saa na ɛte wɔ tete Salomo ahenni no mu, bere a na nkurɔfo no “dɔɔso sɛ mpoano anhwea dodow, wodidi na wɔnom na wɔn ani gye” no.—1 Ahene 4:20; 10:1-9. *

11. Akwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni no te sɛ asase so ahenni horow?

11 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni fi soro di tumi no mma ɛnyɛ ahenni ankasa anaa? Dabida! Nea edi kan no, ɛwɔ ɔhene a ɔte ase ankasa na ɔyɛ nnam. Ɔne nea Onyankopɔn ankasa apaw no, Awurade Yesu Kristo, a Bible ka wɔ ne ho sɛ: “Ɔno na amanaman ani bɛda ne so.” (Romafo 15:12) Te sɛ nniso horow a ɛwɔ asase so no, Ɔsoro Ahenni no wɔ nniso kuw bi a nnipa dodow bi na ɛwɔ mu. Bible no kyerɛ sɛ eyinom yɛ mmarima ne mmea kakraa bi a wɔakura wɔn mudi mu ama Onyankopɔn wɔ asase yi so a wɔbɛbom adi ade na wɔwɔ kuw yi mu. Eyinom na Yesu ka kyerɛ wɔn sɛ: “Kuw ketewaa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” (Luka 12:32; Adiyisɛm 5:9, 10; 20:4) Ahenni no wɔ tumi a efi soro. Ahenni nniso no betumi afi ne gyinabea a ɛkorɔn wɔ soro hɔ de n’ahyɛde horow ama—denam akwan a tumi wom koraa sen radio anaa afiri foforo biara so—ma akɔ asase so baabiara.

12, 13. Nhyehyɛe bɛn na Onyankopɔn Ahenni no wɔ wɔ (a) mmara horow, (b) ɔkyerɛkyerɛ, (d) akwahosan ho?

12 Na mmara nso ɛ? Yiw, Onyankopɔn Ahenni de mmara na ɛyɛ adwuma—mmara a eye sen biara, a Onyankopɔn ahyɛ na ayɛ mfaso ama nkurɔfo. Wubetumi akan ɛho asɛm wɔ Bible mu. (Deuteronomium 6:4-9; Marko 12:28-31) So Ahenni no wɔ ɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe? Ampa ara sɛ ɛwɔ bi! Mprempren, ne kyerɛkyerɛ nhyehyɛe no redu nnipa anokwafo a wɔwɔ amanaman ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu nkyɛn aboa wɔn, na asiesie wɔn ama daa nkwa wɔ Ahenni no trenee sohwɛ ase. Ɛmfa ho sɛ ɔman bɛn mu ara na wote wɔ asase so no, w’ankasa wubetumi de wo ho ahyɛ ɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe yi mu.—Mateo 24:14; Adiyisɛm 7:9, 10; Yesaia 54:13.

13 So Ahenni no wɔ apɔwmuden nhyehyɛe? Ɛwɔ apɔwmuden nhyehyɛe a eye sen biara—a egyina Awurade Yesu Kristo ogye afɔrebɔ no so. Nhyehyɛe yi bɛma adesamma ade wɔn ho afi wɔn nyarewa ne nnipadua mu ahoɔmmerɛw nyinaa mu, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya daa nkwa wɔ akwahosan a edi mũ mu. (Yesaia 25:8; Yohane 10:10) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ anwonwade pii, de yɛɛ sɛnkyerɛnne sɛ obenya tumi ne ahoɔden a ɔde bɛsa yare ama anifuraefo ahu ade, asa mmubuafo yare, na wasan de awufo mpo aba nkwa mu bio. (Luka 7:20-23) Bere a Ahenni nhyehyɛe yi da yɛn anim a ɛreba daakye no, wɔn a wosua ho ade nnɛ no resua ahotew ne abrabɔ pa asetra nso, na mprempren mpo wɔrema wɔanya honhom fam akwahosan a ɛyɛ nwonwa. Wɔn anidaso no yɛ paara.—Yesaia 65:14; Romafo 10:11.

14. Bere a Yesu wɔ asase so no, dɛn na ɔkaa ho asɛm wɔ ne nkyerɛkyerɛ no mu?

14 Bere a Yesu yɛ onipa wɔ asase so no, ɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho nneɛma pii, na nokwarem no, ɔde asetra wɔ ne tumidi ase ho nhwɛso bi mae. (Luka 4:43; Mateo 12:22-28) Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no Onyankopɔn ho asɛm ma enti na wobetumi atwe abɛn Onyankopɔn sɛ mma ne agya bi a ɔwɔ ɔdɔ ntam abusuabɔ. Ɔmaa wɔn akwankyerɛ pa na wɔde adi nsɛm tebea horow a yehyia wɔ asetra mu no ho dwuma ma asi wɔn yiye.—Yohane 1:18; 14:6.

Nokware Anigye Fibea

15. Dɛn nti na na Yesu bere sofo no hia awerɛkyekye te sɛ yɛn ara nnɛ?

15 Mpae a wɔbɔ sɛ ‘Onyankopɔn Ahenni mmra’ no yɛ Bepɔw so Asɛnka a Yesu de mae wɔ bepɔw bi a ɛne Galilea Po no di nhwɛanim so no fã bi. Ná n’atiefo yɛ n’asuafo a wapaw wɔn ne nnipa akuwakuw foforo. Ná pɛsɛmenkominyafo ama eyinom “afonfɔn na wɔapansam.” (Mateo 9:36, NW) Nea Yesu kae no de awerɛkyekye brɛɛ n’atiefo, na saa ara na ne nsɛm no bɛyɛ awerɛkyekye ama yɛn nnɛ.

16. Henanom ne wɔn a wonya nokware anigye, na ɔkwan bɛn na wɔnam so nya?

16 Yesu de nokware anigye fibea na efii n’asɛnka no ase. So na wobenya eyi afi honam fam ahonyade, anigyede, ne nea ɛtete saa a wɔhwehwɛ mu anaa? Dabi, efisɛ honhom mu nneɛma na Yesu sii so dua. Ɔkyerɛe sɛ “wɔn a wɔn honhom mu ahiade ho hia wɔn” na “trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn” benya daa anigye wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. (Mateo 5:3, 6, NW; Luka 8:1, 4-15) Worehwehwɛ honhom mu nneɛma a ɛtete saa anaa?

17, 18. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya Onyankopɔn anim dom? (b) Awerɛhyem a Yesu de ma wɔ Mateo 6:26-33 no ka wo dɛn?

17 Wɔ Yesu asɛnka no mu no, ɔma ɛdaa adi pefee sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn apene yɛn so no, ɛsɛ sɛ yesuasua yɛn soro Agya no. Ɛsɛ sɛ yeyi ne su ahorow no adi na yebu yɛn bra sɛnea ne gyinapɛn ahorow no te. (Mateo 5:43-48; Efesofo 5:1, 2) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛasɔ n’ani no, yɛn som rentumi nyɛ amanne bi ara kwa a yɛyɛ no pɛnkoro anaa mprenu nnawɔtwe. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔsom a ɛkɔ so daa, na ɛda adi wɔ yɛn da biara da asetra ne ɔdɔ mu a yefi dwen yɛn mfɛfo nnipa ho mu.

18 Nanso sɛ yɛde honhom mu nneɛma di kan wɔ yɛn asetra mu a, so eyi remma yenni hia wɔ nnɛyi adifudepɛ, ahopɛ wiase yi mu anaa? Dabida! Sɛ ‘yɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan’ a, ɛnde wɔde asetra mu nneɛma afoforo a ehia nyinaa bɛka yɛn ho. Yesu kyerɛkyerɛ eyi mu fɛfɛɛfɛ wɔ Mateo 6:26-33, a ɛsɛ sɛ wokenkan.

19, 20. (a) Dɛn nti na ehia sɛ yehu sɛnea Onyankopɔn bu yɛn som? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa yɛn ma yɛde Onyankopɔn Ahenni adi kan wɔ yɛn asetra mu? (d) Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ yɛbɛsan ahwehwɛ “Awurade Mpaebɔ” no mu ahwɛ?

19 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ‘ahwehwɛ Ahenni no kan’? So ɛkyerɛ sɛ, sɛ ‘yɛkɔ asɔre a yɛpɛ’ a, yebenya Onyankopɔn hɔ nhyira ampa? Anaasɛ ehia sɛ yɛhwehwɛ ɔsom ko a Onyankopɔn paw ma yɛn? Hyɛ nea Yesu ka faa eyi ho no nsow: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni mu, na nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no.” Ɔmaa ɛdaa adi pefee sɛ ebinom a wɔkyerɛe sɛ ‘wɔhyɛɛ nkɔm wɔ ne din mu na wɔyɛɛ ahoɔdenne wɔ ne din mu’ no bɛyɛ wɔn a wɔyɛ “nea ɛnteɛ” ankasa wɔ Onyankopɔn anim. (Mateo 7:21-23; hwɛ 7:13, 14 nso.) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛnea Onyankopɔn bu yɛn som no ankasa? Yɛnam hu a yebehu nea ɛwɔ n’Asɛm, Bible, no mu yiye no nkutoo so.

20 Bible mu a yɛbɛhwehwɛ no bɛboa yɛn ma yɛde afã titiriw a ɛfata Onyankopɔn Ahenni no ama no wɔ yɛn asetra mu, ne wɔ ɔkwan a ɛfata yɛn nsɛm tebea sɛ́ ankorankoro no so. Ɛbɛboa yɛn ma yɛahwɛ asetra wɔ ɔkwan foforo so, na yɛahu nneɛma a yehia sen biara no. Enti afei ma yensusuw Yesu Bepɔw so Asɛnka no fã a wɔfrɛ no “Awurade Mpaebɔ” no ho. (Mateo 6:9-13) Mpaebɔ Nhwɛso yi mu a yɛbɛsan ahwehwɛ no bɛboa yɛn ma yɛahu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ ankasa na ama yɛanya nokware anigye. Na ɛbɛkyerɛ yɛn sɛ Bible no mu asɛntitiriw a ɛyɛ anigye ne sɛ Onyankopɔn nam n’Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa no so bɛtew ne din ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Woyii kyerɛw nsɛm mũ anaa emu fã bi a wɔafa aka asɛm wɔ nhoma yi mu no nyinaa fii Twi Bible no mu, gye sɛ wɔkyerɛ sɛ efi baabi foforo.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 7 adaka]

SO ADESAMMA HIA ONYANKOPƆN AHENNI?

“Sɛ wɔpae nuklea ade bi a emu duru yɛ megaton biako gu New York City so a, ebia ebekunkum nnipa ɔpepem 2.25 ntɛm ara, apirapira ɔpepem 3.6 aka ho, . . . nnuruyɛfo ne nuklea ho adenimfo kuw bi adwene hyiae wɔ ho. . . . Wɔn gyidi ne sɛ ɔko a ɛte saa bɛba wiase ansa na afeha no aba awiei na ɛno nti ɛrentumi nyɛ yiye sɛ adesamma bɛkɔ so atra ase.”—New York “Times,” September 27, 1980

[Kratafa 11 adaka]

NEA ƐKYERƐ SƐ ONYANKOPƆN AHENNI NO YƐ PAA ARA

ƆHENE: Yesu, ɔwɔ tumi a ɔde bedi ade mfirihyia 1,000.

ƆSORO MFƐFO ADEDIFO: Onyankopɔn paw wɔn fii adesamma anokwafo mu.

NE TUMIDIBEA: Yɛn asase a ne nyinaa bɛyɛ paradise a wɔde asi hɔ bio.

NKOA ANOKWAFO: Ɔpepepem pii a awufo a wɔanyan wɔn bɛka ho.

MMARA: Egyina Onyankopɔn trenee so, ɔdɔ mmara a edi ade nyinaa so.

ƆKYERƐKYERƐ NHYEHYƐE: Ɛboa nnipa a wofi aman nyinaa mu ma wonya asetra a anigye wom mprempren, na ɛresiesie wɔn ama daa nkwa wɔ asase so paradise no mu.

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 4]